Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Krataa a Efi Greece

Yɛka Asɛmpa no Wɔ Europe Anafo Fam Pɛɛ

Yɛka Asɛmpa no Wɔ Europe Anafo Fam Pɛɛ

BERE a hyɛmma a yɛde retu kwan no de n’ani kyerɛɛ Mediterranea supɔw ketewa bi so no, Levká Mmepɔw atenten a ɛwɔ Crete supɔw ho no de nkakrankakra yerae. Nnipa 13 na na yɛwɔ hyɛmma no mu retu kwan akɔka asɛmpa no wɔ Gavdos supɔw ketekete a ɛwɔ Europe anafo pɛɛ no so.

Saa da no, na wim atew, enti yɛn adwene yɛɛ yɛn sɛ akwantu no bɛyɛ bɔkɔɔ. Nanso ankyɛ na mframa fii ase bɔ faa po no so denneennen maa hyɛmma a yɛte mu no wosow biribiribiri wɔ po no so. Ehu kaa me, na mekaee ɔsomafo Paulo ho asɛm a ɛwɔ Bible mu no sɛ, bere bi, ɔno nso, ahum a ano yɛ den bɔɔ no wɔ saa po yi ara so; saa bere no, na wɔfrɛ Gavdos supɔw no Kauda. (Asomafo Nnwuma 27:13-17) Mpae a na merebɔ ara ne sɛ yɛbɛkɔ akodu Gavdos dwoodwoo.

Trypití Cape, Europe anafo pɛɛ

Yɛde nkakrankakra kosii sɛ afei de, yehuu baabi a yɛrekɔ no; ná ɛyɛ kurow ketewa bi a ɛwɔ ɔbotan a apue afi nsu mu so. Ɛnkɔ soro kɛse; ne tenten bɛyɛ mita 300, na ɛso da so. Supɔw yi tenten mu ne ne tɛtrɛtɛ mu nyinaa yɛ kilomita 26, na nnua bi a ɛte sɛ kube ne nnua ntiatia bi reyɛ agye hɔ nyinaa. Mmeae bi wɔ hɔ a ɔpopaw nnua wɔ mpoano hɔ nyinaa.

Nnipa bɛyɛ 8,000 na na wɔte supɔw no so bere bi. Nanso nnɛ, nnipa a wɔte hɔ no dodow nnu 40. Ɛte sɛ nea nsakrae pii mmaa Gavdos. Ɛwom, ɛpo so hyɛn taa fa Gavdos mpoano, nanso efi Crete rekɔ Gavdos de, ɛpo so hyɛn ntaa nkɔ mma; nea ɛkɔ hɔ no mpo, wim tebea a ɛntaa nyɛ papa wɔ hɔ nti, wotumi twa akwantu no mu anaa wotu hyɛ da.

Yɛaba Gavdos sɛ yɛrebɛma nkurɔfo biribi a ɛbɛma wɔn ani agye; yɛrebɛka anidaso a ɛbɛma wɔanya daakye papa ne hokwan a wobenya atena ase daa wɔ akwahosan pa mu. Yɛreyɛ adu mpoano no, na yɛn ho pere yɛn sɛ yebesi fam akɔka asɛmpa no akyerɛ nkurɔfo.

Ná yɛatena ɛhyɛn mu ma ahinhim yɛn bɛyɛ dɔnhwerew anan ne fã wɔ po so, na na yɛn anim mpo kyerɛ sɛ yɛabrɛbrɛ. Bere a yegyee yɛn ahome kakra na yɛnom kafe kakra no, yɛsan nyaa ahoɔden bio. Yɛde bere kakra bɔɔ ɔsomafo Paulo akwantu no ho nkɔmmɔ na obi bɔɔ mpae a efi komam. Afei de na yɛayɛ krado sɛ yebefi adwuma no ase.

Kurow no mufo anim tew na wɔpɛ nnipa sɛ. Wɔtoo nsa frɛɛ yɛn kɔɔ wɔn afie maa yɛn biribi kakra kaa yɛn ano. Yɛkaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn san yɛɛ nneɛma bi boaa wɔn. Bere a yɛreka asɛmpa no akyerɛ ɔbea bi no, anuanom a yɛne wɔn kɔe no biako hui sɛ anyinam nkanea ho nneɛma a ɛwɔ ɔbea no adwumam no bi asɛe, na esiane sɛ onua no nim ho adwuma nti, ɔyɛ maa no. Ɛkaa ɔbea no koma na ogyee Bible nhoma a yɛde maa no no, na ɔkamfoo yɛn sɛ yɛreyɛ asɛnka adwuma no. Ɔbea biako nso de anisɔ kae sɛ: “Moreyɛ Onyankopɔn adwuma, na ɛnyɛ nnipa adwuma, na ɛha a moatwa kwan aba yi koraa kyerɛ saa.”

Bible ho nhoma a yɛde kɔe no, yehui sɛ nkurɔfo ani gye ho paa. Ɔbarima bi gyee Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no bi, na ɔkae sɛ yɛmma no yɛn nhoma no pii na edu awɔw bere a yentumi mma hɔ no a wakenkan. Ɔbarima bi nso de, na ɔrepɛ yɛn nhoma no bi akenkan asan apɛ bi agu ne sotɔɔ mu ama wɔn a wɔba hɔ bɛtɔ nneɛma. Ɔde n’address maa yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi de bi amena no ɔsram biara. Abusua bi nso ani gyee paa bere a wohui sɛ supɔw ketewa a wɔte so no din wɔ Bible mu no. Wɔn nso de anigye gyee yɛn nsɛmma nhoma no bi.

Sarakíniko Baka no ni; baabi a bere bi na wɔde nkurɔfo a aban atwa wɔn asu kogu ne nkaedum bi a wɔde kae wɔn no nso ka ho

Nea ɛhɔfo no yɛe no hyɛɛ yɛn nkuran paa, nanso yɛn mu bi de, Gavdos supɔw no san kaee yɛn awerɛhosɛm bi a esisii mmere bi. Ɔdan bi bɛn baka a wɔfrɛ no Sarakíniko no, na bere bi na wɔde nkurɔfo a aban atwa wɔn asu kogu mu. Bɛyɛ mfe 70 ni, asɛnka adwuma no nti, wotwaa Yehowa Dansefo bi a wɔfrɛ no Emmanuel Lionoudakis asu kɔɔ hɔ. a Wɔka Gavdos ho asɛm sɛ, saa bere no “na ɛyɛ supɔw a hwee nni so a akekantwɛre a wɔn ano yɛ yaw wɔ, baabi a ɔkɔm, nneɛma a wɔde kamee nnipa ne yare kunkum . . . nnipa pii. Enti wɔfrɛ hɔ owu kurom.” Ná Lionoudakis kɔ po koyi nam yɛ aduan di, nanso saa bere no nyinaa na ɔde bere pii ka asɛmpa no kyerɛ ne mfɛfo nneduafo, efisɛ na ɔno nko ara na ɔyɛ Ɔdansefo wɔ hɔ. Bere a Lionoudakis babea ne ne kunu ne wɔn babea a wɔka yɛn ho no huu beae a ɔtenae bɛyɛ mfe 70 ni no, wɔn werɛ howee paa.

Nnipa a wotwaa wɔn asu kɔɔ Gavdos no de, na ɛhɔ nyɛ baabi pa koraa. Nanso yɛn de yɛn ani kaa hɔ paa, efisɛ yɛkaa asɛmpa no wɔ supɔw no so baabiara no, na yɛmaa nnipa a wɔn anim tew no nsɛmma nhoma 46 ne nhomawa akron. Yɛhwɛ kwan sɛ yɛbɛsan akɔsra yɛn nnamfo a yenyaa wɔn no bio!

Yɛn ani baa yɛn ho so no, na yɛn nsrahwɛ no aba awiei. Wim tebea san yɛɛ basaa, enti bere a ɛsɛ sɛ anka yesim bɛyɛ anwummere nnɔnnum no, yɛde bere no kɔɔ akyiri. Eduu anadwo dasum no, yefii ase siesiee yɛn ho sɛ yɛrebefi yɛn akwantu a emu yɛ den no ase bio aba yɛn akyi. Nneɛma totɔɔ mu a yɛresim no, na abɔ ahemadakye nnɔnabiɛsa. Ahum tui wɔ po no so dosoo yɛn nnɔnhwerew anum ansa na yɛresan akodu Crete dwodwoo. Yefi nsu no so de yɛn nan sii fam no, na yɛabrɛbrɛ ama yentumi nnantew yiye. Nanso na yɛn ani agye sɛ yɛatumi ama nkurɔfo a wɔwɔ Gavdos supɔw no so no ahu Yehowa din. (Yesaia 42:12) Yɛn a yɛkɔe no nyinaa gye toom sɛ yɛn brɛ no renyɛ ɔkwa. Nea yɛfaa mu no de, yɛn werɛ befi nnansa yi ara, nanso yenim sɛ yɛn werɛ remfi saa akwantu yi da.

a Sɛ wopɛ sɛ wokenkan Emmanuel Lionoudakis ho asɛm a, hwɛ September 1, 1999 Ɔwɛn-Aban no, kratafa 25-29.