Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 19

DWOM 6 Abɔde Ka Onyankopɔn Anuonyam Kyerɛ

Suasua Abɔfo Anokwafo No

Suasua Abɔfo Anokwafo No

“Mo, Yehowa abɔfo . . . , munyi no ayɛ.”DW. 103:20.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Nea yebetumi asua afi abɔfo anokwafo no hɔ.

1-2. (a) Ɔkwan bɛn so na yɛyɛ soronko wɔ abɔfo no ho? (b) Nneɛma bɛn mu na yɛne abɔfo no di nsɛ?

 BERE a Yehowa twee wo baa nokware no mu no, ɔde wo bɛkaa abusua kɛse bi ho. Saa abusua no mufo dodɔ wɔn ho, na wɔde anigye abom resom Yehowa. Abɔfo ɔpepem pii ka saa abusua yi ho. (Dan. 7:​9, 10) Nanso ɛsono abɔfo na ɛsono nnipa. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, Yehowa bɔɔ abɔfo bere tenteenten ansa na ɔrebɔ nnipa. (Hiob 38:​4, 7) Wɔwɔ tumi ne ahoɔden sen yɛn. Afei nso, wɔyɛ kronkron na wɔtene sen yɛn, efisɛ yennya nnuu pɛyɛ ho.—Luka 9:26.

2 Nanso nneɛma bi wɔ hɔ a, yɛne abɔfo no di nsɛ wom. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, sɛnea abɔfo no tumi suasua Yehowa no, yɛn nso yetumi suasua no. Sɛnea Yehowa de abɔfo no pɛ ama wɔn no, yɛn nso ɔde yɛn pɛ ama yɛn. Abɔfo no mu biara wɔ din na ɛsono obiara suban. Afei nso, ɛsono adwuma a Yehowa de ahyɛ wɔn mu biara nsa. Yɛn fam nso, saa ara na ɛte. Bio nso, sɛnea Yehowa bɔɔ abɔfo sɛ wɔnsom no no, yɛn nso, saa ara na ɔbɔɔ yɛn.—1 Pet. 1:12.

3. Dɛn na yebetumi asua afi abɔfo anokwafo no hɔ?

3 Esiane sɛ yɛne abɔfo no di nsɛ wɔ nneɛma pii mu nti, wɔn nhwɛso pa no betumi ahyɛ yɛn nkuran na akyerɛkyerɛ yɛn. Nokwasɛm ne sɛ, yebetumi asua nneɛma pa pii afi wɔn hɔ. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ sɛnea yebetumi asuasua abɔfo anokwafo no ahobrɛase. Afei nso, sɛnea wɔdɔ nnipa, sɛnea wɔmia wɔn ani gyina ɔhaw ano, ne sɛnea wɔyere wɔn ho boa ma asafo no ho tew no, yɛbɛhwɛ sɛnea yebetumi asuasua.

ABƆFO NO BRƐ WƆN HO ASE

4. (a) Dɛn na abɔfo no yɛ de kyerɛ sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase? (b) Adɛn nti na abɔfo no brɛ wɔn ho ase? (Dwom 89:7)

4 Abɔfo anokwafo no brɛ wɔn ho ase. Ɛwom sɛ wɔwɔ suahu, wɔwɔ tumi, na wɔn adwene mu dɔ, nanso wɔdi Yehowa akwankyerɛ so. (Dw. 103:20) Sɛ wɔreyɛ adwuma a Yehowa de ahyɛ wɔn nsa a, wɔnhoahoa wɔn ho na wɔmfa tumi a Yehowa de ama wɔn no nhyɛ wɔn ho anuonyam. Sɛ Yehowa ma wɔn dwumadi bi, na ɛnyɛ ade a obiara behu sɛ wɔn na wɔyɛe mpo a, wɔde anigye yɛ. a (Gen. 32:​24, 29; 2 Ahe. 19:35) Anuonyam a ɛsɛ fata Yehowa no, wɔnnye. Adɛn nti na abɔfo no brɛ wɔn ho ase saa? Efisɛ wɔdɔ Yehowa, na wɔbu no paa.—Kenkan Dwom 89:7.

5. Bere a ɔbɔfo bi reteɛ ɔsomafo Yohane so no, dɛn na ɔbɔfo no yɛe a ɛkyerɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase? (Hwɛ mfoni no nso.)

5 Momma yɛnhwɛ asɛm bi a esii a ɛma yehu sɛ abɔfo no brɛ wɔn ho ase. Yesu awo akyi bɛyɛ mfe 96 no, ɔbɔfo bi a yennim ne din maa ɔsomafo Yohane nyaa anisoadehu ahorow bi a ɛyɛ nwanwa. (Adi. 1:1) Bere a onyaa anisoadehu no, ɔyɛɛ n’ade sɛn? Ɔbɔɔ ne mu ase sɛ ɔresom ɔbɔfo no. Nanso, ɛhɔ ara na ɔbɔfo no ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ yiye! Nyɛ saa! Meyɛ akoa kɛkɛ te sɛ wo ne wo nuanom . . . Som Onyankopɔn!” (Adi. 19:10) Anokwa, na saa ɔbɔfo no brɛ ne ho ase! Ná ɔmpɛ sɛ Yohane hyɛ no anuonyam. Enti, ntɛmpa ara na ɔka kyerɛɛ Yohane sɛ ɔnsom Yehowa Nyankopɔn mmom. Bere koro no ara, ɔbɔfo no annya adwene sɛ ɔkorɔn sen Yohane. Ɛwom sɛ na ɔbɔfo no asom Yehowa akyɛ koraa sen Yohane, na na ɔwɔ tumi koraa sen Yohane, nanso ɔkaa sɛ ɔne Yohane nyinaa yɛ nkoa. Afei nso, na ɛsɛ sɛ ɔbɔfo no teɛ Yohane so, nanso wanka n’anim yayaayaw. Mmom, ɔkasa kyerɛɛ no ɔdɔ so. Nea Yohane hui a ɛmaa ne ho dwiriw no no, ebia ɔbɔfo no hui sɛ ɛbɛyɛ sɛ ɛno nti na Yohane bɔɔ ne mu ase no.

Bere a ɔbɔfo no de nteɛso rema Yohane no, ɔbɔfo no brɛɛ ne ho ase (Hwɛ nkyekyɛm 5)


6. Yɛbɛyɛ dɛn asuasua abɔfo no ahobrɛase?

6 Yɛbɛyɛ dɛn asuasua abɔfo no ahobrɛase? Sɛ yɛpɛ sɛ yesuasua abɔfo no a, ɛnsɛ sɛ yɛde adwuma a yɛyɛ wɔ Yehowa som mu hoahoa yɛn ho anaa yɛde pɛ anuonyam. (1 Kor. 4:7) Afei nso, sɛ yɛasom Yehowa akyɛ sen afoforo anaa yɛwɔ hokwan bi a wɔnni bi a, ɛnsɛ sɛ ɛno ma yɛte nka sɛ yɛkorɔn sen wɔn. Nea ɛwom ne sɛ, sɛ yɛwɔ hokwan pii wɔ Yehowa som mu a, ɛno koraa na ɛsɛ sɛ ɛka yɛn ma yɛbrɛ yɛn ho ase anaa yebu yɛn ho akumaa. (Luka 9:48) Yɛpɛ sɛ yesuasua abɔfo no, na yɛsom afoforo. Yɛmpɛ sɛ yɛma afoforo nya adwene sɛ yɛkorɔn sen wɔn.

7. Sɛ ɛho behia sɛ yɛteɛ obi so anaa yɛde afotu ma obi a, yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase?

7 Sɛ yɛreteɛ yɛn nua Kristoni anaa yɛn ba bi so anaa yɛde afotu rema wɔn a, ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase. Ɛtɔ da na yɛde afotu rema obi a, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn nan si fam. Nanso yebetumi asuasua sɛnea ɔbɔfo no de ɔdɔ teɛɛ Yohane so no; yebetumi de yɛn nan asi fam, nanso ɛsɛ sɛ yɛhwɛ hu sɛ yɛn afotu no remma onii no abam mmu. Sɛ yɛde Bible mu afotu rema afoforo, na yɛammu yɛn ho sɛ yɛkorɔn sen wɔn a, yɛbɛyɛ no obu mu ne ɔdɔ so.—Kol. 4:6.

ABƆFO NO DƆ NNIPA

8. (a) Yɛhwɛ Luka 15:10 a, dɛn na abɔfo no yɛ a ɛkyerɛ sɛ wɔdɔ nnipa? (b) Dɛn na abɔfo no yɛ de boa yɛn wɔ asɛmpaka adwuma no mu? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi anim no nso.)

8 Abɔfo no dɔ nnipa; nea ɛkɔ so wɔ nnipa asetena mu no, wɔde wɔn ani di akyi. Sɛ ɔbɔnefo bi sakra na ɔsan ba Yehowa nkyɛn a, wɔn ani gye. Afei nso, sɛ obi a wagyae Yehowa som sesa n’akwan na ɔsan ba nokware no mu a, abɔfo no di ahurusi. (Kenkan Luka 15:10.) Abɔfo no di akoten paa wɔ Ahenni ho asɛmpaka adwuma no mu. (Adi. 14:6) Ɛwom, wɔnka asɛmpa no tee nkyerɛ nkurɔfo, nanso sɛ obi pɛ sɛ osua Yehowa ho ade a, wɔbetumi akyerɛ yɛn kwan akɔ onipa a ɔte saa no hɔ. Yɛrentumi nsi no pi sɛ abɔfo no ayɛ biribi a ɛte saa pɛn. Ade yi, Yehowa betumi afa akwan foforo so ayɛ saa; obetumi de honhom kronkron no aboa wɔn a wɔpɛ sɛ wɔhu no, anaa obetumi de honhom kronkron no akyerɛ n’asomfo kwan akɔ komapafo hɔ. (Aso. 16:​6, 7) Ne nyinaa mu no, ɔde abɔfo no di dwuma paa wɔ asɛmpaka adwuma no mu. Enti sɛ yɛreka asɛmpa no a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ abɔfo no bɛboa yɛn.—Hwɛ adaka a yɛato din “ Wɔbuaa Wɔn Mpaebɔ” no. b

Awarefo bi pɔn baguam adansedi nkyɛe koraa. Bere a wɔrekɔ fie no, onuawa no huu ɔbea bi a asɛ biribi haw no. Onuawa no nim sɛ abɔfo no betumi akyerɛ yɛn kwan akɔ wɔn a wɔrehwehwɛ nokware no hɔ. Enti ɔpɛ sɛ ɔkɔ ɔbea no nkyɛn kɔkyekye ne werɛ. (Hwɛ nkyekyɛm 8)


9. Yɛbɛyɛ dɛn asuasua sɛnea abɔfo no dɔ nnipa no?

9 Yɛbɛyɛ dɛn asuasua sɛnea abɔfo no dɔ nnipa no? Sɛ wɔbɔ amanneɛ wɔ asafo no mu sɛ wɔasan agye obi a, yebetumi asuasua abɔfo no, na yɛn nso yɛadi ahurusi. Yebetumi atew yɛn anim ama onii no, na yɛama wahu sɛ yɛn ani agye paa sɛ wasan rebɛsom Yehowa. (Luka 15:​4-7; 2 Kor. 2:​6-8) Afei nso, yebetumi ayere yɛn ho ayɛ nea yebetumi biara wɔ asɛnka adwuma no mu de asuasua abɔfo no. (Ɔsɛnk. 11:6) Bio nso, sɛnea abɔfo no boa yɛn wɔ asɛnka adwuma no mu no, yɛn nso yebetumi ahwehwɛ akwan a yɛbɛfa so aboa yɛn nuanom wɔ asɛnka adwuma no mu. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, yebetumi ayɛ nhyehyɛe ne obi a ɔbaa nokware no mu nkyɛe akɔ asɛnka. Anuanom a wɔn mfe akɔ anim anaa wɔyare nso, yebetumi aboa wɔn ma wɔayɛ asɛnka adwuma no bi.

10. Dɛn na yebetumi asua afi Sara suahu no mu?

10 Sɛ yɛn tebea mma yɛn kwan mma yɛnyɛ nea yebetumi nyinaa nso ɛ, dɛn na yɛbɛyɛ? Yebetumi apɛ akwan foforo afa so ayɛ asɛnka adwuma no, na yɛanya ahotoso sɛ abɔfo no bɛboa yɛn. Momma yɛnhwɛ onuawa bi a ne din de Sara c a ɔwɔ India. Bere a ɔyɛɛ akwampae adwuma no bɛyɛ mfe 20 no, ɔbɛyaree na eduu baabi no ɔkaa mpa mu koraa. Nea ɛtoo no no maa n’adwene nyinaa tu frae, na na ntease wom. Nanso ne Bible akenkan ne mmoa a anuanom a ɛwɔ n’asafo mu de maa no nti, nkakrankakra, ɔsan nyaa anigye. Nea ɛwom ne sɛ, tebea a na waba mu nti, na ɛsɛ sɛ ɔfa akwan foforo so yɛ n’asɛnka adwuma no. Nkrataa mpo, esiane sɛ na ontumi ntena ase nkyerɛw nti, na tɛlefon so adansedi nko ara na na ɔyɛ. Enti wɔn a wɔakyerɛ asɛm no ho anigye no, sɛ ɔfrɛ wɔn a, na wɔn nso akyerɛ no afoforo a wɔn ani begye asɛm no ho. Ekosii sɛn? Abosome kakra ntam no, Sara nyaa Bible adesua 70. Ná ɛyɛ den sɛ ɔne wɔn nyinaa besua ade! Enti ɔde bi maa anuanom a ɛwɔ asafo no mu no. Seesei, asuafo no mu bebree ba adesua. Anuanom bi a wɔbɔ mmɔden yɛ nea wɔbetumi nyinaa wɔ Yehowa som mu te sɛ Sara no, sɛ abɔfo no ne wɔn bom yɛ adwuma a, wunhu sɛ ɛbɛma abɔfo no ani agye paa?

ABƆFO NO MIA WƆN ANI GYINA ƆHAW ANO

11. Nhwɛso fɛfɛɛfɛ bɛn na abɔfo anokwafo no ayɛ de akyerɛ sɛ wɔmia wɔn ani gyina ɔhaw ano?

11 Abɔfo anokwafo no ayɛ nhwɛso fɛfɛɛfɛ a ɛkyerɛ sɛ wɔmia wɔn ani gyina ɔhaw ano. Ntɛnkyea ne amumɔyɛsɛm a akɔ so mfe mpempem pii no, wɔamia wɔn ani agyina ano. Bere a Satan ne abɔfo bebree tew atua tiaa Yehowa no, wɔhui. Saa abɔfo atuatewfo no, na wɔne abɔfo anokwafo no nyinaa na na ɛsom Yehowa. (Gen. 3:1; 6:​1, 2; Yuda 6) Afei nso, sɛ abɔfo atuatewfo no sɔre tia wɔn a, wɔmia wɔn ani gyina ano. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, Bible no ma yehu sɛ honhommɔne bi a ɔwɔ tumi besiw ɔbɔfo nokwafo bi kwan. (Dan. 10:13) Bio nso, efi Adam ne Hawa bere so tɔnn no, nnipa kakraa bi pɛ na abɔfo no ahu sɛ wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛsom Yehowa. Wei nyinaa akyi no, abɔfo anokwafo yi kɔ so de anigye ne ahokeka som Yehowa. Wɔnim sɛ bere a ɛsɛ mu no, Onyankopɔn beyi ntɛnkyea nyinaa afi hɔ.

12. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛamia yɛn ani agyina ɔhaw ano?

12 Sɛnea abɔfo no mia wɔn ani gyina ɔhaw ano no, yɛbɛyɛ dɛn asuasua? Sɛnea abɔfo no de wɔn ani hu ntɛnkyea a ɛrekɔ so no, yɛn nso, ebia yebehu sɛ nkurɔfo rebu afoforo ntɛnkyea anaa yɛn ankasa nso, ebia afoforo bɛsɔre atia yɛn. Nanso ahotoso a abɔfo no wɔ no, yɛn nso yɛwɔ bi. Ɛne sɛ, Onyankopɔn bere a ɛsɛ mu no, obeyi amumɔyɛsɛm nyinaa afi hɔ. Enti yesuasua abɔfo anokwafo no, na sɛ “yɛreyɛ adepa a, . . . yɛmmpa abaw.” (Gal. 6:9) Ɛno da nkyɛn a, Onyankopɔn ahyɛ yɛn bɔ sɛ ɔbɛboa yɛn ma yɛde animia agyina mu. (1 Kor. 10:13) Yehowa honhom a ɛboa yɛn ma yenya abotare ne anigye no, yebetumi abɔ mpae asrɛ no sɛ ɔmfa mma yɛn. (Gal. 5:22; Kol. 1:11) Na sɛ wuhyia ɔsɔretia nso ɛ, dɛn na wobɛyɛ? Fa wo ho to Yehowa so koraa; mmɔ hu. Yehowa bɛboa wo na wahyɛ wo den bere nyinaa.—Heb. 13:6.

ABƆFO BOA MA ASAFO NO HO TEW

13. Awiei mmere yi mu no, dwumadi soronko bɛn na Yehowa de ama abɔfo no? (Mateo 13:​47-49)

13 Awiei mmere yi mu no, Yehowa de dwumadi soronko bi ahyɛ abɔfo no nsa. (Kenkan Mateo 13:​47-49.) Asɛmpa a yɛka no, nnipa ahorow ahorow ɔpepem pii ani gye ho. Saafo yi mu binom tu anammɔn bɛyɛ nokware Kristofo na ebinom nso nyɛ saa. Yehowa de ahyɛ abɔfo no nsa sɛ, ‘wɔnyiyi abɔnefo mfi atreneefo mu.’ Wei kyerɛ sɛ, Yehowa de ahyɛ wɔn nsa sɛ wɔmmoa mma asafo no ho ntew. Nanso, ɛnkyerɛ sɛ, obiara a biribi nti, obegyae Yehowa som no, ɔrentumi nsan mma bio da. Afei nso, ɛnkyerɛ sɛ ɔhaw remma asafo no mu da. Nanso yebetumi anya awerɛhyem sɛ, nsafo a yɛwom no, abɔfo no ayere wɔn ho reboa ama ɛho atew.

14-15. Yɛbɛyɛ dɛn asuasua abɔfo no na yɛakyerɛ sɛ yɛpɛ sɛ asafo no ho tew? (Hwɛ mfoni no nso.)

14 Yɛbɛyɛ dɛn asuasua abɔfo no na yɛakyerɛ sɛ yɛpɛ sɛ asafo no ho tew? Yɛne Yehowa ayɔnkofa no, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho bɔ ho ban. Yɛbɛyɛ no sɛn? Ɛne sɛ yɛbɛfa wɔn a wɔdɔ Yehowa nnamfo. Afei nso, biribiara a ebetumi asɛe yɛne n’ayɔnkofa no, ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi ho. Yɛyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ yɛpɛ sɛ asafo no ho tew. (Dw. 101:3) Bio nso, yebetumi aboa yɛn mfɛfo agyidifo ma wɔakɔ so adi Yehowa nokware. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, sɛ yehu sɛ yɛn nua Kristoni bi ayɛ bɔne kɛse a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Esiane ɔdɔ a yɛwɔ ma no nti, yɛbɛka akyerɛ no sɛ ɔnkɔbɔ mpanyimfo no amanneɛ. Sɛ wanyɛ saa a, ɛsɛ sɛ yɛn ara yɛkɔbɔ mpanyimfo no amanneɛ. Yɛpɛ sɛ yɛn nua Kristoni biara a ɔne Yehowa ntam asɛe no nsa ka mmoa ntɛm!—Yak. 5:​14, 15.

15 Awerɛhosɛm ne sɛ, wɔn a wɔyɛ bɔne akɛse no, wɔn mu bi wɔ hɔ a, ɛsɛ sɛ wɔyi wɔn fi asafo no mu. Ɛba saa a, yɛne saafo no ‘mmɔ.’ d (1 Kor. 5:​9-13) Saa nhyehyɛe yi boa ma asafo no ho tew. Afei nso, sɛ yɛne wɔn a wɔayi wɔn afi asafo no mu ammɔ a, na yɛreboa wɔn. Sɛ yetie Yehowa na yɛne wɔn ammɔ a, ebia ɛbɛma wɔn ani aba wɔn ho so. Wɔyɛ saa a, yɛn ani gye, na Yehowa ne abɔfo no nso ani gye.—Luka 15:7.

Sɛ yehu sɛ yɛn nua gyidini bi ayɛ bɔne kɛse bi a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? (Hwɛ nkyekyɛm 14) e


16. Dɛn na wubetumi asua afi abɔfo no hɔ?

16 Ɛyɛ hokwan kɛse paa sɛ Yehowa aboa yɛn ma yɛasua abɔfo no ho ade, na yɛne wɔn abom reyɛ adwuma. Momma yensuasua wɔn suban pa no: wɔn ahobrɛase, sɛnea wɔdɔ nnipa, sɛnea wɔmia wɔn ani gyina ɔhaw ano, ne sɛnea wɔboa ma asafo no ho tew no. Sɛ yesuasua abɔfo anokwafo no a, Yehowa abusua mufo a wɔde baakoyɛ resom no no, yɛn nso yebetumi abɛka ho afebɔɔ.

DWOM 123 Brɛ Wo Ho Ase Ma Nyankopɔn Nhyehyɛe

a Abɔfo ɔpepem pii a wɔwɔ hɔ no, mmienu pɛ na Bible bɔ wɔn din. Wɔne Mikael ne Gabriel.—Dan. 12:1; Luka 1:19.

b Wubetumi anya suahu bebree wɔ Watch Tower Publications Index no mu. Hwɛ asɛmti “Angels” ne asɛmti ketewa “angelic direction (examples).”

c Wɔasesa din no.

d Sɛnea wɔkyerɛkyerɛɛ mu wɔ Afe 2024 Amanneɛbɔ a Efi Akwankyerɛ Kuw No Hɔ #2 no mu no, sɛ obi a wɔayi no afi asafo no mu ba adesua a, ɔdawurubɔfo biara betumi de ɔno ara n’ahonim a ɔde Bible atete no asi gyinae sɛ obekyia no tiawa na wama no akwaaba anaasɛ ɔrenyɛ saa.

e MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onuawa bi reka akyerɛ n’adamfo bi a wayɛ bɔne kɛse sɛ onkohu asafo mu mpanyimfo no. Ɛyɛɛ kakra a n’adamfo no ankɔ no, ɔno ara kɔbɔɔ mpanyimfo no amanneɛ.