Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 27

DWOM 79 Boa Ma Wɔnnyina Hɔ Pintinn

Boa Wo Bible Asuafo Ma Wɔnso Nokware No Mu

Boa Wo Bible Asuafo Ma Wɔnso Nokware No Mu

“Munnyina pintinn wɔ gyidi no mu . . . Monyɛ den.”1 KOR. 16:13.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Sɛnea yɛbɛboa Bible asuafo ma wɔanya gyidi ne akokoduru a ɛbɛma wɔaso nokware no mu.

1-2. (a) Adɛn nti na Bible asuafo bi twentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛso nokware no mu? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

 NÁ ƐYƐ den ma wo sɛ wobɛba abɛyɛ Yehowa Danseni anaa? Ebia na wusuro sɛ wo mfɛfo adwumayɛfo, wo nnamfo anaa w’abusuafo bɛsɔre atia wo. Anaa ebia na ɛyɛ wo sɛ worentumi nni Onyankopɔn mmara so da. Sɛ saa a, ɛnde Bible asuafo a wɔretwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛso nokware no mu no, wubetumi ate wɔn ase.

2 Ná Yesu nim sɛ, ɛnyɛ den sɛ ehu a ɛte saa betumi asiw obi honhom fam nkɔso kwan. (Mat. 13:​20-22) Nanso wɔn a na wɔretwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbedi n’akyi no, wampa aba wɔ wɔn ho. Mmom, ɔkyerɛɛ n’akyidifo no sɛnea wɔbɛboa saafo no (1) ma wɔahu nea ɛresiw wɔn nkɔso kwan, (2) ma ɔdɔ a wɔwɔ ma Yehowa no ayɛ kɛse (3) ma wɔde Yehowa som adi kan, na (4) wɔatumi adi wɔn haw so. Nea Yesu kyerɛɛ n’asuafo no, yɛbɛyɛ dɛn asuasua bere a yɛde Wubetumi Anya Anigye Daa! nhoma no reboa yɛn Bible suani ma waso nokware no mu?

BOA WO BIBLE SUANI MA ONHU NEA ƐRESIW NE NKƆSO KWAN

3. Ɛbɛyɛ sɛ dɛn na esiw Nikodemo kwan sɛ ɔbɛba abɛyɛ Yesu suani?

3 Ná Nikodemo ka Yudafo mpanyimfo no ho. Biribi nti, na ɛyɛ den ma no sɛ ɔbɛba abɛyɛ Yesu suani. Bere a Yesu fii ne som adwuma no ase no, bɛyɛ abosome nsia akyi pɛ na Nikodemo hui sɛ Onyankopɔn na asoma no. (Yoh. 3:​1, 2) Nanso “Yudafo no ho hu nti,” Nikodemo kohyiaa Yesu kokoam. (Yoh. 7:13; 12:42) Ebia ɛyɛɛ no sɛ, sɛ obedi Yesu akyi a, ɔbɛhwere dibea ne ahonyade a na ɔwɔ no. a

4. Ɔkwan bɛn so na Yesu boaa Nikodemo ma ohuu nea na Onyankopɔn pɛ sɛ ɔyɛ?

4 Ná Nikodemo nim Mose Mmara no, nanso na ohia mmoa na ama wahu nea Onyankopɔn pɛ sɛ ɔyɛ. Ɔkwan bɛn na Yesu faa so boaa no? Yesu nyaa bere maa no; ɔne no hyiaa anadwo mpo. Nea na ehia sɛ Nikodemo yɛ na watumi abɛyɛ Yesu suani no, Yesu kyerɛɛ mu kyerɛɛ no pefee. Ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnsakra mfi ne bɔne ho, ɔmmɔ asu, na onnya Onyankopɔn Ba no mu gyidi.—Yoh. 3:​5, 14-21.

5. Yɛbɛyɛ dɛn aboa Bible suani bi ama wahu nea ɛresiw ne nkɔso kwan?

5 Sɛ Bible suani bi nim Bible mu mpo a, nea ɛresiw ne nkɔso kwan no, ebia obehia mmoa na watumi ahu. N’adwuma a ebia egye ne bere pii anaa ɔsɔretia a efi n’abusuafo hɔ betumi ama ne gyidi ayɛ mmerɛw. Enti nya bere ma wo Bible suani no. Wubetumi ato nsa afrɛ no ma moakɔpɛ biribi adi anaa wo ne no atu mpase. Sɛ mobom yɛ nneɛma bi a ɛtete saa a, ebia obetumi aka n’asetenam nsɛm anaa ɔhaw bi a ɔrehyia akyerɛ wo. Nsakrae biara a ehia sɛ ɔyɛ no, hyɛ no nkuran ma ɔnyɛ. Afei nso, ma onhu sɛ, ɛnyɛ wo nti na ɛsɛ sɛ ɔyɛ saa nsakrae no, na mmom ɔdɔ a ɔwɔ ma Yehowa ntia.

6. Wobɛyɛ dɛn aboa Bible suani bi ma wanya akokoduru de aso nokware no mu denneennen? (1 Korintofo 16:13)

6 Sɛ Bible suani bi gye di paa sɛ Yehowa bɛboa no ma ɔde Bible mu afotu abɔ ne bra a, obenya akokoduru de nea ɔresua no ayɛ adwuma. (Kenkan 1 Korintofo 16:13.) Obi a ɔkyerɛkyerɛ Bible te sɛ tikyani. Bere a na wokɔ sukuu no, tikyani bɛn na na wopɛ n’asɛm paa? Ebia tikyani a onyaa wo ho abotare boaa wo ma wuhui sɛ, sɛɛ woyɛ ade no, ɔno na na wopɛ n’asɛm. Enti sɛ obi yɛ ɔkyerɛkyerɛfo pa a, ɔkyerɛkyerɛ ne Bible suani ma ohu nea Onyankopɔn pɛ sɛ ɔyɛ, na ɔma no awerɛhyem sɛ, nsakrae biara a ehia sɛ ɔyɛ no, Yehowa bɛboa no ama wayɛ. Wobɛyɛ dɛn ayɛ saa?

BOA WO BIBLE SUANI MA ƆDƆ A ƆWƆ MA YEHOWA NO NYƐ KƐSE

7. Ɔkwan bɛn so na Yesu boaa n’atiefo ma ɔdɔ a wɔwɔ ma Yehowa no yɛɛ kɛse?

7 Ná Yesu nim sɛ, sɛ n’asuafo no dɔ Yehowa a, ɛbɛkanyan wɔn ma wɔde nea wɔasua no abɔ wɔn bra. Nea ɛbɛboa wɔn ma ɔdɔ a wɔwɔ ma wɔn soro Agya no ayɛ kɛse no, na ɔtaa ka ho asɛm kyerɛ wɔn. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ɔkaa sɛ Yehowa te sɛ ɔbarima bi a ɔma ne mma nneɛma pa. (Mat. 7:​9-11) Ɛbɛyɛ sɛ na Yesu atiefo no mu bi nni agyanom a wɔwɔ ɔdɔ saa. Wobɛkae a, Yesu maa mfatoho bi a ɛfa ɔba desɛefo ho. Bere a ɔsan baa fie no, ne papa nyaa ayamhyehye maa no, na oyii ne yam yɛɛ no awaawaa atuu. Ɛbɛyɛ sɛ bere a ɔmaa saa mfatoho no, ɛkaa n’atiefo no paa. Yesu boaa wɔn ma wɔhui sɛ, Yehowa wɔ ayamhyehye ma nnipa.—Luka 15:​20-24.

8. Ɔdɔ a wo Bible suani wɔ ma Yehowa no, wobɛyɛ dɛn aboa no ma ayɛ kɛse?

8 Wo nso, sɛ worekyerɛkyerɛ wo Bible suani a, si Onyankopɔn su ahorow no so dua, na ɛbɛboa wo suani no ama ɔdɔ a ɔwɔ ma Onyankopɔn no ayɛ kɛse. Bere biara a mubesua ade no, boa no ma onhu sɛ nea ɔresua no ma ɛda adi sɛ Yehowa dɔ yɛn. Sɛ moresua agyede no ho ade a, ma onhu sɛ ɔka ho bi nti na Yesu bewui. (Rom. 5:8; 1 Yoh. 4:10) Sɛ wo suani no hu sɛ Yehowa dɔ no paa a, ɛbɛkanyan no ma ɔno nso adɔ no bi.—Gal. 2:20.

9. Dɛn na ɛboaa ɔbarima bi a ne din de Michael ma ɔsesaa ne suban?

9 Yɛnhwɛ Michael a ofi Indonesia. Wɔtetee no wɔ nokware no mu, nanso wammɔ asu. Odii mfe 18 no, ɔkɔɔ aburokyiri kɔyɛɛ drɔbani. Akyiri yi, ɔsan baa Indonesia bɛwaree, nanso ogyaw n’abusua hɔ kɔtoaa n’adwuma no so wɔ aburokyiri. Saa bere no, ne yere ne ne babea fii ase suaa Bible no, na wɔnyaa nkɔso. Michael maame wu akyi no, ɔbaa ne nkyi sɛ ɔrebɛhwɛ ne papa, na ɔno nso fii ase suaa Bible no. Ɔfã a yɛato din “Sua Pii Ka Ho” a ɛwɔ adesua 27 wɔ Wubetumi Anya Anigye Daa! nhoma no mu no, bere a Michael resua no, epusuw no paa. Sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Yehowa tee nka bere a ohui sɛ ne Ba no rehu amane no, bere a Michael suaa ho ade no, osui. Obenyaa agyede no ho anisɔ kɛse, na ɛkaa no ma ɔsesaa ne suban na ɔbɔɔ asu.

BOA WO BIBLE SUANI MA ƆMFA YEHOWA SOM NNI KAN

10. Sɛn na Yesu boaa n’asuafo no ma wɔde Yehowa som dii kan? (Luka 5:​5-11) (Hwɛ mfoni no nso.)

10 Anyɛ den amma Yesu asuafo no sɛ wɔbehu sɛ ɔno ne Mesia a na wɔahyɛ ne ho bɔ no, nanso na ehia sɛ ɔboa wɔn ma wɔhu sɛnea wɔde asɛnka adwuma no bedi kan. Petro ne Andrea dii Yesu akyi kakra ansa na Yesu reka akyerɛ wɔn sɛ wɔmfa wɔn bere nyinaa mmedi n’akyi. (Mat. 4:​18, 19) Ná wɔyɛ mpataayi adwuma, na na ɛkɔ yiye paa; ɛda adi sɛ na wɔne Yakobo ne Yohane na ɛbom yɛ. (Mar. 1:​16-20) Bere a Petro ne Andrea gyaee mpataayi adwuma no kodii Yesu akyi no, ɛda adi sɛ wɔyɛɛ nhyehyɛe a na ɛbɛma wɔatumi akɔ so ahwɛ wɔn mmusua. Dɛn na ɛboaa wɔn ma wɔtumi de Yehowa som dii kan? Luka asɛmpa no ma yehu sɛ Yesu yɛɛ anwanwade bi, na ɛma wɔgye dii paa sɛ Yehowa bɛhwɛ wɔn.—Kenkan Luka 5:​5-11.

Sɛnea Yesu boaa n’asuafo no ma wɔde Yehowa som dii kan no, dɛn na yebetumi asua afi mu? (Hwɛ nkyekyɛm 10) b


11. Yɛbɛyɛ dɛn de yɛn ankasa suahu ahyɛ yɛn suani bi gyidi den?

11 Yɛrentumi nyɛ anwanwade te sɛ Yesu, nanso sɛnea Yehowa hyira wɔn a wɔde ne som di kan wɔ wɔn asetenam no, yebetumi aka ho asɛm akyerɛ yɛn Bible asuafo. Wokae sɛnea Yehowa boaa wo bere a wufii ase kɔɔ adesua no? Ebia ɛho behiae sɛ wuhyia w’adwumam panyin na wokyerɛ mu kyerɛ no sɛ, sɛ ɛkɔba sɛ wobɛyɛ adwuma aboro nnɔnhwerew a wɔde ama wo no, na ebetwitware w’adesuakɔ mu a, worenyɛ. Sɛnea wode Yehowa som dii kan, na wuhuu sɛnea ɔboaa wo ma ɛhyɛɛ wo gyidi den no, ɛyɛ a ka ho asɛm kyerɛ wo suani no.

12. (a) Sɛ yɛne obi sua ade a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde adawurubɔfo ahorow ahorow kɔ ne nkyɛn? (b) Wobɛyɛ dɛn de video akyerɛkyerɛ wo Bible suani ma adu ne komam? Ma ho nhwɛso.

12 Sɛ wo Bible suani no hu sɛnea anuanom afoforo de Yehowa som di kan wɔ wɔn asetenam a, ɛbɛboa no. Enti, to nsa frɛ anuanom ahorow ahorow na wo ne wɔn nkɔyɛ wo Bible adesua no. Sɛnea wɔbehuu nokware no, ne nea wɔyɛe a ɛma wɔtumi de Yehowa som dii kan wɔ wɔn asetenam no, ma wɔnka ho asɛm nkyerɛ wo suani no. Afei nso, video ahorow a ɛwɔ “Sua Pii Ka Ho” afã hɔ, anaa nea ɛwɔ “Yɛ Nhwehwɛmu” afã hɔ wɔ Wubetumi Anya Anigye Daa! nhoma no mu no, pɛ bere na wo ne wo suani no nhwɛ. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, sɛ moresua adesua 37 no a, nsɛntitiriw a ɛwɔ video a yɛato din Yehowa Bɛma Yɛn Nea Yehia no mu no, wubetumi atwe n’adwene asi so.

BOA WO BIBLE SUANI MA ONTUMI NNI NE HAW SO

13. Sɛn na Yesu siesiee n’asuafo no maa ɔsɔretia?

13 Yesu kaa no mpɛn pii kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔbehyia ɔsɔretia afi afoforo ne wɔn abusuafo mpo hɔ. (Mat. 5:11; 10:​22, 36) Aka kakra ma Yesu awu no, ɔbɔɔ n’akyidifo no kɔkɔ sɛ atamfo betumi akum wɔn. (Mat. 24:9; Yoh. 15:20; 16:2) Otuu wɔn fo sɛ wɔmma wɔn ani nna hɔ wɔ asɛnka adwuma no mu. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ ɛnsɛ sɛ wɔne asɔretiafo di anobaabae, na mmom wɔnyɛ anifere sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbetumi akɔ so aka asɛmpa no.

14. Yɛbɛyɛ dɛn aboa yɛn Bible suani ma wasiesie ne ho ama ɔsɔretia? (2 Timoteo 3:12)

14 Nsɛm a wo suani no mfɛfo adwumayɛfo, ne nnamfo ne n’abusuafo betumi akeka anaa nea wɔbetumi ayɛ no, wubetumi ama wo Bible suani no ahu. Woyɛ saa a, ebesiesie no ama ɔsɔretia. (Kenkan 2 Timoteo 3:12.) Esiane Bible mu nsɛm a ɔde bɔ ne bra nti, ebia ne mfɛfo adwumayɛfo bedi ne ho fɛw. Afoforo anaa n’abusuafo mpo betumi akasa atia ne gyidi. Sɛ yɛboa yɛn Bible asuafo ntɛm ma wɔhu sɛnea wɔbegyina ɔsɔretia ano a, ɛbɛboa wɔn na sɛ ɛba a, wɔn ani so antan wɔn.

15. Sɛ wo Bible suani abusuafo sɔre tia no a, dɛn na ebetumi aboa no ma wagyina ano?

15 Sɛ wo Bible suani abusuafo sɔre tia no a, hyɛ no nkuran ma ɔmmɔ mmɔden nhu nea enti a ɛbɛyɛ sɛ wɔn bo afuw. Ebia ɛbɛyɛ wɔn sɛ Adansefo no adaadaa no, anaa ebia na wɔatete Yehowa Adansefo ho nsɛm bi a ɛnyɛ nokware. Yesu mpo, n’abusuafo sɔre tiaa no. (Mar. 3:21; Yoh. 7:5) Boa wo suani no ma onhu sɛ, sɛ ɔne n’abusuafo ne afoforo rekasa a, onnya abotare na ɔnyɛ anifere.

16. Yɛbɛyɛ dɛn aboa yɛn Bible suani ma ɔde anifere akyerɛkyerɛ ne gyidi mu?

16 Sɛ osuani no abusuafo kyerɛ nokware no ho anigye mpo a, ɛnsɛ sɛ ɔka nea onim nyinaa kyerɛ wɔn prɛko pɛ. Ɔyɛ saa a, anhwɛ a n’abusuafo no ho bedwiriw wɔn, na ebia wɔrentie no bio. Enti hyɛ no nkuran sɛ ɔnka ne gyidi ho asɛm nkyerɛ wɔn nkakrankakra, sɛnea ɛbɛyɛ a ebetumi abue kwan ma ɔne wɔn abɔ nkɔmmɔ bere foforo. (Kol. 4:6) Obetumi aka akyerɛ n’abusuafo no sɛ wɔnkɔ jw.org. Ɛno bɛboa wɔn ma bere biara a wɔpɛ sɛ wɔhu biribi fa Yehowa Adansefo ho no, wɔn ankasa atumi akɔ hɔ.

17. Atosɛm a nkurɔfo keka fa Yehowa Adansefo ho no, wobɛyɛ dɛn aboa wo Bible suani ma wahu sɛnea obeyi ano? (Hwɛ mfoni no nso.)

17 Nsɛm a ɛba toatoa so wɔ jw.org a yɛato din “Nsɛm a Nkurɔfo Taa Bisa” no, wubetumi de aboa wo suani ma wasiesie mmuae ntiantia, na sɛ n’abusuafo anaa ne mfɛfo adwumayɛfo bisa no nsɛm bi a, watumi ayi wɔn ano. (2 Tim. 2:​24, 25) Ɔfã a yɛato din “Ebinom Ka Sɛ,” a ɛwɔ Wubetumi Anya Anigye Daa! nhoma no mu no, musua adesua biara wie a, munsusuw ho. Mmuae a wo suani no de bɛma nkurɔfo no, hyɛ no nkuran ma ɔmfa ɔno ara ne nsɛm mmobɔ so. Sɛ wuhu sɛ ne mmuae no, aka no kakra a, ntwentwɛn wo nan ase sɛ wode ho nyansahyɛ bɛma no. Nsɛm a mobɛbobɔ so saa no bɛboa no ma watumi de akokoduru akyerɛkyerɛ ne gyidi mu.

Nsɛm a wo Bible suani betumi aka wɔ asɛnka mu no, wo ne no mmobɔ so. Woyɛ saa a, ɛbɛhyɛ no nkuran ma waka ne gyidi ho asɛm (Hwɛ nkyekyɛm 17) c


18. Wobɛyɛ dɛn ahyɛ wo Bible suani nkuran ma waka asɛmpa no bi? (Mateo 10:27)

18 Yesu hyɛɛ n’akyidifo nkuran sɛ wɔnka asɛmpa no bi nkyerɛ obiara. (Kenkan Mateo 10:27.) Sɛ wo suani no fi asɛnka ase ntɛm a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama no sɛ ɔde ne ho bɛto Yehowa so. Wobɛyɛ dɛn aboa no ma wadu saa botae no ho? Sɛ wɔde to gua sɛ mo asafo no bɛyɛ asɛnka adwuma titiriw bi a, hyɛ wo suani no nkuran ma onhu nea ɔyɛ a ɛbɛma watumi abɛyɛ ɔdawurubɔfo. Boa no ma onhu sɛ, sɛ yɛreyɛ asɛnka adwuma titiriw a ɛte saa a, ɛnyɛ den sɛ obi befi asɛnka ase. Afei nso, nnawɔtwe mfinimfini adesua no mu no, dwumadi a wɔyɛ de tete yɛn ma yetumi kasa wɔ baguam no, sɛ ɔyɛ bi a, ebetumi aboa no. Sɛ ɔyere ne ho yɛ wei a, ɛbɛma wasua sɛnea ɔde akokoduru bɛkyerɛkyerɛ ne gyidi mu.

NYA WO SUANI NO MU GYIDI

19. Dɛn na Yesu yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ n’asuafo no mu gyidi, na yɛbɛyɛ dɛn asuasua no?

19 Ansa na Yesu rekɔ soro no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ, daakye ɔne wɔn bɛsan ahyia bio. Wɔante ase sɛ ɔsoro a wɔbɛkɔ ho asɛm na na Yesu reka. Ne nyinaa mu no, Yesu amfa n’adwene ansi adwenem naayɛ a na wɔwɔ no so, mmom wɔn nokwaredi na ɔde n’adwene sii so. (Yoh. 14:​1-5, 8) Nneɛma bi te sɛ ɔsoro a na wɔbɛkɔ no, na onim sɛ ebegye bere ansa na wɔate ase. (Yoh. 16:12) Yɛn nso, yebetumi asuasua Yesu, na yɛanya yɛn suani no mu gyidi sɛ obetumi asɔ Yehowa ani.

Sɛ wo suani no fi asɛnka ase ntɛm a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama no sɛ ɔde ne ho bɛto Yehowa so

20. Dɛn na onuawa bi a ɔwɔ Malawi yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ ne Bible suani mu gyidi?

20 Yegye di sɛ wo Bible suani no pɛ sɛ ɔyɛ nea ɛtene. Wo de, yɛnhwɛ onuawa bi a ɔwɔ Malawi a ne din de Chifundo. Ɔne Katolekni bea bi a ne din de Alinafe fii ase suaa Wubetumi Anya Anigye Daa! nhoma no. Bere a wɔsuaa adesua 14 no wiei no, Chifundo bisaa ne suani no sɛ, ahoni a wɔfa so som Onyankopɔn no, ohu no sɛn? Alinafe ani annye asɛm a obisae no ho, na ɔkaa sɛ: “Ɛno de, ɛyɛ me ara m’asɛm!” Ɛyɛɛ Chifundo sɛ anhwɛ a Alinafe rentoa adesua no so bio. Nanso onyaa Alinafe ho abotare ne no toaa adesua no so, na na ɔhwɛ kwan sɛ ebedu baabi no, ɔbɛte ase. Abosome kakra akyi no, bere a wɔresua adesua 34 no, Chifundo bisaa no sɛ: “Efi bere a wufii ase sɛ woresua Bible ne Yehowa a ɔyɛ nokware Nyankopɔn no ho ade no, aboa wo sɛn?” Chifundo kyerɛ mu sɛ Alinafe kaa nneɛma pa pii a wasua no ho asɛm, na ɔkaa mpo sɛ nneɛma a Bible kasa tia no, Adansefo no twe wɔn ho fi ho. Ɛno akyi pɛɛ no, Alinafe gyaee ahoni a ɔde di dwuma no, na ɔbɔɔ asu.

21. Yɛbɛyɛ dɛn aboa Bible suani bi ma waso nokware no mu?

21 Ɛwom sɛ Yehowa na “ɔma enyin,” nanso yɛn nso yɛwɔ yɛn fam de a ɛsɛ sɛ yɛyɛ de boa yɛn Bible suani ma onya nkɔso. (1 Kor. 3:7) Ɛnyɛ nea Onyankopɔn pɛ sɛ ɔyɛ nko ara na ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ no, na mmom ɛsɛ sɛ yɛboa no nso ma onya ɔdɔ kɛse ma Yehowa. Bio nso, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nkuran ma ɔde Yehowa som di kan wɔ n’asetenam de kyerɛ sɛ ɔdɔ no. Afei nso, ehia sɛ yɛkyerɛ no sɛ, sɛ ohyia sɔhwɛ a ɔmfa ne ho nto Yehowa so. Sɛ yɛma ohu sɛ yegye no di a, ɛbɛhyɛ no den ma wadi Yehowa mmara so, na waso nokware no mu denneennen.

DWOM 55 Munnsuro Wɔn!

a Bere a Nikodemo kɔɔ Yesu nkyɛn no, mfe mmienu ne fã akyi no, na ɔda so ara ka Yudafo asɛnnibea kunini no ho. (Yoh. 7:​45-52) Nhoma bi ka sɛ, abakɔsɛm akyerɛwfo bi kyerɛ sɛ, Yesu wu akyi ansa na Nikodemo rebɛyɛ osuani.—Yoh. 19:​38-40.

b MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Petro ne afoforo regyaw wɔn mpataayi adwuma no hɔ akodi Yesu akyi.

c MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onuawa bi reboa ne Bible suani ama wahu sɛnea ɔbɛkyerɛkyerɛ ne gyidi mu.