Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 33

“Wɔn a Wotie Wo No” Benya Nkwa

“Wɔn a Wotie Wo No” Benya Nkwa

“Ma w’ani mmra wo ho ne wo nkyerɛkyerɛ so bere nyinaa. Bata eyinom ho, na sɛ woyɛ saa a, wubegye wo ho ne wɔn a wotie wo no nkwa.”​—1 TIM. 4:16.

DWOM 67 “Ka Asɛm No”

NEA YƐREBESUA *

1. Dɛn na yɛn nyinaa pɛ sɛ yɛn abusuafo yɛ?

ONUAWA bi a ne din de Pauline kaa sɛ: “Efi bere a mihuu nokware no, minyae a anka m’abusuafo nyinaa ne me akɔ Paradise. * Nea na mepɛ pa ara ne sɛ, me kunu Wayne ne yɛn ba abarimaa no bɛba abɛka me ho ama yɛasom Yehowa.” Wowɔ abusuafo a wonnya mmɛsom Yehowa anaa? Ebia wo nso wopɛ sɛ w’abusuafo bɛsom Yehowa sɛnea na Pauline hwɛ kwan no.

2. Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

2 Yɛrentumi nhyɛ yɛn abusuafo sɛ wontie asɛmpa no. Nanso, yebetumi ahyɛ wɔn nkuran ama wɔatie Bible mu asɛm no. (2 Tim. 3:14, 15) Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yedi yɛn abusuafo adanse? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yenya tema ma wɔn? Dɛn na yebetumi ayɛ de aboa yɛn abusuafo ama wɔabɛdɔ Yehowa sɛnea yɛdɔ no no? Dɛn na asafo a yɛwom no mufo nyinaa betumi ayɛ de aboa yɛn?

ADƐN NTI NA ƐSƐ SƐ YEDI YƐN ABUSUAFO ADANSE?

3. Sɛnea 2 Petro 3:9 ka no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yedi yɛn abusuafo adanse?

3 Ɛrenkyɛ, Yehowa bɛsɛe wiase bɔne yi. “Wɔn a wɔpɛ daa nkwa” nko ara na wobenya wɔn ti adidi mu. (Aso. 13:48) Yɛde yɛn bere ne yɛn ahoɔden pii ka asɛmpa no kyerɛ nkurɔfo a wɔwɔ yɛn asasesin mu a yennim wɔn, enti ɛnyɛ nwonwa sɛ yɛpɛ sɛ yɛn abusuafo nso bɛka yɛn ho ma yɛsom Yehowa. Yehowa, yɛn Agya a ɔdɔ yɛn no ‘mpɛ sɛ obiara bɛsɛe, na mmom ɔpɛ sɛ obiara nya adwensakra.’​—Kenkan 2 Petro 3:9.

4. Yɛredi yɛn abusuafo adanse a, anhwɛ a mfomso bɛn na yebedi?

4 Ehia sɛ yɛma ɛtena yɛn adwene mu sɛ, nkwagye asɛm a yɛka kyerɛ nkurɔfo no, ɔkwampa a yɛfa so ka wɔ hɔ, ɛnna ɔkwan a ɛmfata nso wɔ hɔ. Sɛ yɛredi obi a yennim no adanse a, ebia yɛbɛyɛ anifere. Nanso, sɛ yɛredi yɛn abusuafo adanse a, anhwɛ a yɛbɛka yɛn nsɛm penpen.

5. Ansa na yɛbɛka asɛmpa no akyerɛ yɛn abusuafo no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtena yɛn adwene mu?

5 Yɛn mu pii wɔ hɔ a, sɛ yɛkae bere a edi kan a yedii yɛn abusuafo adanse a, na yɛanu yɛn ho; yenyae a anka yɛyɛɛ no ɔkwan foforo so. Ɔsomafo Paulo tuu Kristofo fo sɛ: “Momma mo kasa ho mmra nyam bere nyinaa na nkyene mmra mu, na moahu sɛnea ɛsɛ sɛ mubua obiara.” (Kol. 4:5, 6) Sɛ yɛne yɛn abusuafo rekasa a, eye sɛ yɛkae saa afotu yi. Yɛanyɛ saa a, yɛbɛhyɛ wɔn abufuw mmom, na ɛremma yentumi mmoa wɔn.

DƐN NA YEBETUMI AYƐ DE ABOA YƐN ABUSUAFO?

Tema a wubenya ama w’abusuafo ne wo nneyɛe betumi adi wɔn adanse kɛse (Hwɛ nkyekyɛm 6-8) *

6-7. Ma nhwɛso a ɛkyerɛ sɛnea ehia sɛ yenya tema ma yɛn kunu anaa yɛn yere a ɔnyɛ Yehowa somfo.

6 Nya tema. Pauline a yɛadi kan aka ne ho asɛm no kaa sɛ: “Mfiase no, Onyankopɔn ne Bible ho asɛm nko ara na na mepɛ sɛ me ne me kunu bɔ ho nkɔmmɔ. Ná me ne no mmɔ biribi foforo biara ho nkɔmmɔ.” Nanso, na Pauline kunu Wayne nnim Bible mu papa, na na ɔnte nea na Pauline reka no ase. Wayne de, na ɛyɛ no sɛ nea ne yere dwen ho ara ne ne som. Ná ɛhaw no sɛ ebia na Pauline de ne ho rebɔ kuw bi a emufo ho yɛ hu, na ɛyɛɛ no sɛ wɔredaadaa no.

7 Pauline gye tom sɛ na edu Memeneda ne Kwasida a, na ɔne ne nuanom Kristofo bɔ dodo, na anwummere anwummere nso na ɔyɛ saa ara. Ná ɔne wɔn bɔ wɔ asafo nhyiam ase, asɛnka mu, ne apontow ahorow ase. Pauline kaa sɛ: “Ɛtɔ da a, Wayne bɛba fie no, na obiara nni hɔ, na na ɔte nka sɛ wayɛ ankonam.” Nokwasɛm ne sɛ, Wayne yam a, na anka ne yere ne ne ba no wɔ ne nkyɛn. Ná onnim nkurɔfo a ne yere ne ne ba no ne wɔn bɔ; ɛyɛɛ Wayne sɛ nnamfo foforo a ne yere Pauline anya no ho hia no pa ara sen ɔno. Wayne kaa sɛ, obegyaa Pauline aware. Wuhu nea anka Pauline betumi ayɛ de akyerɛ sɛ ɔwɔ tema kɛse ma ne kunu?

8. Sɛnea 1 Petro 3:1, 2 kyerɛ no, dɛn na yɛyɛ a ebetumi aka yɛn abusuafo koma pa ara?

8 Ma wo nneyɛe nkasa. Mpɛn pii no, nea yɛyɛ ka yɛn abusuafo koma pa ara sen nea yɛka. (Kenkan 1 Petro 3:1, 2.) Akyiri yi, Pauline hui sɛ saa asɛm yi yɛ nokware. Ɔkaa sɛ: “Ná minim sɛ Wayne dɔ yɛn, na na ɛnyɛ n’adwene pa ara ne sɛ obegyaa me aware. Nanso, ka a ɔkaa sɛ obegyaa me aware no ma mihui sɛ ɛsɛ sɛ mede Yehowa akwankyerɛ yɛ adwuma. Sɛ́ anka mɛkasa pii no, mihui sɛ ɛsɛ sɛ mede me nneyɛe mmom yɛ nhwɛso pa ma no.” Pauline amfa Bible mu nsɛm ampuapua Wayne bio, na mmom ofii ase ne no bɔɔ nneɛma foforo ho nkɔmmɔ. Wayne hui sɛ ne yere reyɛ nneɛma a ɛkyerɛ sɛ ɔpɛ asomdwoe, na ohui nso sɛ ne babarima no nso reda suban pa adi. (Mmeb. 31:18, 27, 28) Bere a Wayne hui sɛ Bible mu nsɛm reboa n’abusua no, n’ani begyee Onyankopɔn Asɛm no ho pa ara.​—1 Kor. 7:12-14, 16.

9. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so bɔ mmɔden boa yɛn abusuafo?

9 Kɔ so bɔ mmɔden boa w’abusuafo. Yehowa ayɛ biribi a yebetumi asuasua. Yehowa ma nkurɔfo nya hokwan “daa” a wɔde betie asɛmpa no na wɔanya nkwa. (Yer. 44:4) Ɔsomafo Paulo nso ka kyerɛɛ Timoteo sɛ ɔnkɔ so mmoa afoforo. Adɛn ntia? Sɛ ɔyɛ saa a, na obegye ne ho ne wɔn a wotie no no nkwa. (1 Tim. 4:16) Yɛdɔ yɛn abusuafo, enti yɛpɛ sɛ yɛboa wɔn ma wohu nokware a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu. Bere bi akyi no, Pauline nneyɛe ne ne kasa yɛɛ nhyira maa n’abusua. Seesei, ɔne ne kunu resom Yehowa, na n’ani agye pa ara. Wɔn mmienu nyinaa yɛ akwampaefo, na Wayne yɛ asafo mu panyin.

10. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yenya abotare?

10 Nya abotare. Sɛ yefi ase de Onyankopɔn akwankyerɛ yɛ adwuma a, ebetumi ayɛ den ama yɛn abusuafo sɛ wɔbɛte yɛn ase. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, yɛayɛ nsakrae wɔ yɛn asetenam na yɛanya gyidi foforo. Mpɛn pii no, nea wodi kan hu ne sɛ nyamesom afahyɛ ahorow a wodi no, yɛne wɔn nni bio, na yɛnyɛ amanyɔsɛm bio. Mfiase no, ebia yɛn abusuafo binom bo befuw yɛn. (Mat. 10:35, 36) Nanso, ɛnsɛ sɛ yɛpa abaw. Sɛ yɛankɔ so ammoa wɔn amma wɔante yɛn gyidi ase a, ɛkyerɛ sɛ, yɛabu wɔn atɛn sɛ wɔmfata sɛ wonya daa nkwa. Yehowa mfa nhyɛɛ yɛn nsa sɛ yemmu afoforo atɛn; Yesu na Yehowa de saa adwuma no ahyɛ ne nsa. (Yoh. 5:22) Sɛ yenya abotare a, akyiri yi, ebia yɛn abusuafo betie asɛm a yɛka no.​—Hwɛ adaka a asɛmti ne, “ Fa Yɛn Wɛbsaet No Kyerɛkyerɛ.”

11-13. Sɛnea Alice ne n’awofo dii no, dɛn na wusua fi mu?

11 Si w’adwene pi, nanso yɛ anifere. (Mmeb. 15:2) Yɛnhwɛ Alice. Bere a Alice suaa Yehowa ho ade no, baabi a na ɔte no, na ɔmmɛn n’awofo koraa. Ná n’awofo nnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, na afei nso na amanyɔsɛm adi wɔn ti. Ohui sɛ nneɛma pa a ɔresua no, ɛsɛ sɛ ɔka ho asɛm kyerɛ n’awofo ntɛm ara. Alice kaa sɛ: “Sɛ woma ɛkyɛ ansa na woaka gyidi foforo a woanya ne nneɛma foforo a woreyɛ ho asɛm akyerɛ w’abusuafo a, ɛbɛma wɔn ho adwiriw wɔn pa ara.” Ná Alice taa kyerɛw n’awofo bisa wɔn adwene wɔ Bible mu nsɛm bi a ɔhwɛ a wɔn ani begye ho ho; ebi ne nea ɛfa ɔdɔ ho. (1 Kor. 13:1-13) Ɔdaa n’awofo ase sɛ wɔtetee no na wɔhwɛɛ no, na ɔkɔkyɛɛ wɔn nneɛma. Sɛ ɔkɔsra n’awofo wɔ ne kurom a, na ɔyɛ nea obetumi biara boa ne maame ma wɔyɛ fie nnwuma. Mfiase no, bere a Alice kaa gyidi foforo a wanya no ho asɛm kyerɛɛ n’awofo no, wɔn ani annye ho.

12 Bere a Alice kɔsraa n’awofo no, ɔkɔɔ so kenkan Bible da biara da. Alice kaa sɛ: “Wei maa me maame hui sɛ Bible ho hia me pa ara.” Saa bere no, Alice papa yɛɛ n’adwene sɛ obesua Bible sɛnea ɛbɛyɛ a obehu nea enti a ne babea no asesa. Afei nso, na ɔpɛ sɛ onya biribi a obegyina so akasa atia Bible. Alice kaa sɛ: “Memaa me papa Bible, na mekyerɛw asɛm bi hyɛɛ Bible no mu maa no.” Dɛn na efii mu bae? Alice papa annya biribiara annyina so ankasa antia Bible, na mmom nea ɔkenkanee wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no kaa ne koma pa ara.

13 Sɛ yɛrehyia ɔtaa mpo a, ɛsɛ sɛ yesi yɛn adwene pi, nanso ehia sɛ yɛyɛ anifere. (1 Kor. 4:12b) Yɛnhwɛ nea Alice faa mu; na ɛsɛ sɛ ogyina ɔsɔretia a ne maame de baa no so ano. Ɔkaa sɛ: “Bere a mebɔɔ asu no, me maame kaa sɛ meyɛ ‘abofra bɔne.’” Dɛn na Alice yɛe? Ɔkaa sɛ: “Mekɔɔ so kaa me som foforo no ho asɛm kyerɛɛ me maame, na mede obu ka kyerɛɛ no sɛ mabɛyɛ Yehowa Dansefo, na merensan m’akyi. Memaa me maame hui sɛ medɔ no papaapa. Yɛn mmienu nyinaa sui, na meyɛɛ aduan bi a ɛyɛ dɛ maa no. Efi saa bere no, me maame gye toom sɛ Bible rema me suban ayɛ fɛ.”

14. Gyinae a yɛasi sɛ yɛbɛsom Yehowa no, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn abusuafo sesa yɛn adwene?

14 Ebetumi agye bere ansa na yɛn abusuafo ahu pa ara sɛ yɛn ani abere sɛ yɛbɛsom Yehowa. Sɛ yɛhwɛ Alice a, bere a ɔyɛe sɛ ɔbɛyɛ ɔkwampaefo na ɔrenyɛ adwuma a n’awofo pɛ sɛ ɔyɛ no, ne maame san sui bio. Nanso, Alice ansesa n’adwene. Alice kaa sɛ: “Sɛ woma w’abusuafo hyɛ wo ma wosesa w’adwene wɔ biribi ho a, anhwɛ a wɔbɛhyɛ wo sɛ sesa w’adwene wɔ nneɛma foforo nso ho. Nanso, sɛ woma w’abusuafo hu sɛ wudwen wɔn ho, na afei wusi w’adwene pi a, ebia wɔn mu bi betie wo.” Saa na Alice asɛm no kɔyɛe. Seesei n’awofo yɛ akwampaefo, na ne papa yɛ asafo mu panyin.

DƐN NA ASAFO NO MUFO NYINAA BETUMI AYƐ DE ABOA?

Dɛn na asafo no mufo betumi ayɛ de aboa yɛn abusuafo a wɔnyɛ Yehowa asomfo? (Hwɛ nkyekyɛm 15-16) *

15. Sɛnea Mateo 5:14-16 ne 1 Petro 2:12 kyerɛ no, sɛn na afoforo “nnwuma pa” betumi aboa yɛn abusuafo?

15 Yehowa nam “nnwuma pa” a Kristofo asafo no mufo yɛ so twe nkurɔfo ba ne nkyɛn. (Kenkan Mateo 5:14-16; 1 Petro 2:12.) Sɛ wo kunu anaa wo yere nyɛ Yehowa Dansefo a, yemmisa sɛ, wahyia asafo a wowom mufo pɛn? Pauline a yɛadi kan aka ne ho asɛm no too nsa frɛɛ anuanom baa ne fie sɛnea ɛbɛyɛ a ne kunu Wayne behu wɔn yiye. Wayne kaa sɛnea onua baako boaa no ma ohuu sɛnea Adansefo no te ankasa. Wayne kaa sɛ: “Da koro, onua no srɛɛ kwan wɔ adwumam; nea enti a ɔyɛɛ saa ara ne sɛ ɔne me rebɛhwɛ bɔɔl. Ɛma mihui sɛ, sɛɛ ‘ɔnyɛ katee!’”

16. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛto nsa frɛ yɛn abusuafo ma wɔba asafo nhyiam?

16 Ɔkwan baako a eye pa ara a yɛbɛfa so aboa yɛn abusuafo ne sɛ yɛbɛto nsa afrɛ wɔn ama wɔne yɛn akɔ asafo nhyiam. (1 Kor. 14:24, 25) Asafo nhyiam a edi kan a Wayne kɔe yɛ Nkaedi. Nea enti a otumi kɔe ne sɛ, Nkaedi no baa so bere a na wapɔn adwuma, na na dwumadi no nso yɛ tia. Wayne kaa sɛ: “Mante ɔkasa a wɔmae no ase yiye, nanso nea mekae ne nkurɔfo a na wɔwɔ hɔ no. Wɔbaa me nkyɛn bɛmaa me akwaaba, na wokyiaa me nsam denneennen. Ɛma mihui sɛ wɔyɛ nnipa pa.” Ná awarefo bi adi kan ayɛ biribi de akyerɛ sɛ wodwen Pauline ho; na onuawa no ne ne kunu boa Pauline ma ɔhwɛ ne ba no wɔ asafo nhyiam ase ne asɛnka mu. Enti bere a Wayne yɛɛ n’adwene sɛ ehia sɛ ɔte gyidi foforo a Pauline anya ase yiye no, ɔka kyerɛɛ onuawa no kunu sɛ ɔne no mmesua Bible.

17. Dɛn na ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ho fɔ wɔ ho, nanso adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛpa abaw da wɔ yɛn abusuafo ho?

17 Yɛn yam a, anka yɛn abusuafo nyinaa abɛka yɛn ho ama yɛne wɔn asom Yehowa. Nanso, mmɔden a yɛbɛbɔ sɛ yɛbɛboa wɔn ama wɔabɛsom Onyankopɔn nyinaa akyi no, ebia wɔremma nokware no mu. Sɛ ɛba saa a, ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ho fɔ wɔ gyinae a wɔn ankasa asi ho. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, yɛrentumi nhyɛ obiara sɛ nea yegye di no, ɔno nso nnye nni. Nanso, sɛ w’abusuafo hu sɛ esiane sɛ wosom Yehowa nti w’ani gye a, ebetumi aboa wɔn pa ara. Ɛno nti, bɔ mpae ma wɔn. Wo ne wɔn nkasa anifere so. Kɔ so ara boa wɔn! (Aso. 20:20) Nya ahotoso sɛ Yehowa behyira mmɔden a wobɔ no so. Sɛ w’abusuafo tie asɛmpa a woka kyerɛ wɔn no a, wobenya nkwa!

DWOM 57 Yɛka Asɛmpa no Kyerɛ Nnipa Nyinaa

^ nky. 5 Yɛpɛ sɛ yɛn abusuafo hu Yehowa, nanso wɔn ankasa na ɛsɛ sɛ wosi gyinae sɛ wɔbɛsom no anaasɛ wɔrensom no. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nea yebetumi ayɛ na ayɛ mmerɛw ama yɛn abusuafo sɛ wobetie yɛn.

^ nky. 1 Wɔasesa edin ahorow no bi. Adesua yi mu no, sɛ yɛka “abusuafo” a, ɛkyerɛ yɛn abusuafo a wonnya mmɛsom Yehowa.

^ nky. 53 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onua aberante bi reboa ne papa a ɔnyɛ Yehowa somfo ama wayɛ ne kar ho adwuma. Eduu baabi no, ɔreyi video bi wɔ jw.org® akyerɛ ne papa.

^ nky. 55 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onuawa bi ayɛ aso retie ne kunu a ɔnyɛ Yehowa somfo; ne kunu no reka nea ɛkɔɔ so wɔ ɛda no mu akyerɛ no. Akyiri yi, onuawa no ne n’abusua reyɛ biribi de agyigye wɔn ani.

^ nky. 57 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onuawa no ato nsa afrɛ anuanom a wɔwɔ asafo a ɔwom mu aba ne fie. Wɔrebɔ mmɔden sɛ wobehu onuawa no kunu yiye. Akyiri yi, onuawa no kunu no ne no akɔ Nkaedi ase.