Nnwom a Enni Yɛn Nnwom Nhoma Mu
Nnwom ahorow a ɛyɛ dɛ a yɛahyɛ da ahyehyɛ a emu nsɛm ka anisɔ a yɛwɔ sɛ yɛresom Yehowa no ho asɛm.
Fa Me Yɛ Nea Wopɛ
Sɛ woma Yehowa nwen wo a, ɛbɛsesa w’abrabɔ koraa.
Fa Asomdwoe Tena Wiase Bɔne Yi Mu
Sɛ yɛpɛ asomdwoe a, ɛhyɛ Yehowa anuonyam.
Monhyɛ Yehowa Anuonyam
Ɔdɔ ne anisɔ a yɛwɔ ma Yehowa nti, ɛyɛ a yɛpɛ sɛ yɛhyɛ no anuonyam.
Wone M’ahoɔden
Hwɛ sɛnea Yehowa “ma nea onni boafo nya ofi tena mu.”
Yɛnyɛ Akɛsesɛm
Nea Yehowa de ma yɛn no, sɛ yɛma yɛn ani sɔ a, ɛbɛma yɛn ani agye paa.
Kae Nea Wayɛ
Sɛ yedwinnwen nneɛma a Onyankopɔn abɔ no ho a, adɛn nti na ebetumi aboa yɛn ama yɛadi asetena mu haw so?
“Nkwa Ankasa No”
Daakye ho anidaso a yɛwɔ no, sɛ yedwinnwen ho a, ɛbɛhyɛ yɛn den ama yɛde animia agyina ɔhaw ano.
“Asɛmpa”! (2024 Ɔmantam Nhyiam Dwom)
Efi asomafo no bere so besi nnɛ, nnipa de anigye aka asɛmpa no akyerɛ nkurɔfo. Saa adwuma no Yesu na ɔda ano, na abɔfo nso taa akyi, enti ɛnyɛ adwuma ketewa koraa na yɛanya hokwan reyɛ bi no.
‘Asomdwoe a Ɛte Sɛ Asubɔnten’
Asomdwoe a efi Yehowa hɔ no te sɛ asubɔnten, na ɛtene afebɔɔ.
Hyɛ Me Gyidi Den
Wohyɛ wo gyidi den a, biribiara remma wommɔ hu.
Efie Ne Fie
Ɛnkaa akyi dodo sɛ wobɛsan aba fie.
Yɛka Kyerɛ Obiara
Fa wo ho to Yehowa so, na mensuro sɛ wobɛka asɛmpa no.
Onim Yɛn
Yehowa nim yɛn mu biara yiye, onim sɛnea yɛte nka wɔ yɛn komam, na ɔte yɛn ase.
‘Nkaprɛ Mma Mmienu’
Nneɛma a yɛde bɔ afɔre ma Yehowa no, sɛ esua sɛ dɛn mpo a, Yehowa ani sɔ.
Nnipa Nyinaa Reto Ayeyi Dwom
Yɛsom Yehowa a, ɛma yɛn ani gye.
Twe Bɛn Me
Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔbɛn Onyankopɔn nyinaa, ɛmfa ho baabi a wɔfi no, Onyankopɔn dwen wɔn ho paa.
“Ɛrenka Akyi Da!” (2023 Ɔmantam Nhyiam Dwom)
Suasua anokwafo na si abotare twɛn Yehowa.
Fa W’ani Si Botae No So
Yebetumi anya anigye wɔ asetena mu nnɛ ne daakye nyinaa.
Anidaso Wɔ Hɔ
Sɛ wudi mfomso a, ntew nna. Sua biribi fi mu na san keka wo ho. Ɛba saa a, wubenya ahoɔden foforo asen kan no.
Ma Yɛnka Mmom
Bɔne biara a obi de ayɛ wo no, gyaa mu ma ɛnka na monka mmom bio!
Yehowa Ka Me Ho
Yehowa betumi aboa yɛn ama yɛadi ehu biara so.
Ɛhe Na Menya Nkwagye?
Oguan biara tie ne hwɛfo no nne.Video yi bɛma woahu sɛnea Yehowa somfo bi tiee Yesu a ɔyɛ Oguanhwɛfo Pa no nne kosii sɛ owui.
Asomdwoe Bebu So! (2022 Ɔmantam Nhyiam Nnwom)
Sɛ worehyia sɔhwɛ anaa ɔhaw a, mma w’abam mmmu. Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɛrenkyɛ, obeyi ne nyinaa afi hɔ ama w’asom adwo wo, na wubenya asomdwoe afebɔɔ.
Baakoyɛ Ne Nkabom
Sɛ yehyia sɔhwɛ ne ɔtaa a, yebetumi agyina ano, efisɛ Yehowa ne yɛn nuanom a wɔwɔ wiase nyinaa ka ho.
Yehowa Abusua
Nnipa bebree da so wɔ wiase a nokware no ho sukɔm de wɔn. Video yi bɛboa wo na ɛbɛhyɛ wo kutupa ama woakɔ so ahwehwɛ saa nkurɔfo no.
Nya Bere Ma Yehowa
Sɛ wode wo bere nyinaa som Yehowa a, ɛkyerɛ sɛ wode wo bere reyɛ adwuma yiye.
Fa W’ani Bɛhwɛ Bi
Nya gyidi sɛ wiase foforo bi reba; ɛhɔ no, obiara ani begye.
Fa W‘ahoɔden Ma Yehowa
Sɛ wode wo koma ne w’adwene nyinaa som Yehowa a, worennu wo ho da.
‘Di Ahurusi’
Dwom yi bɛma w’ani agye, na ɛbɛkaakae wo nea enti a ɛsɛ sɛ wokɔ so di ahurusi.
Mewɔ Gyidi
Daakye papa bi da yɛn anim retwɛn yɛn. Ɛrenkyɛ koraa, Onyankopɔn bɛma nnipa ho adwo wɔn, na wɔn ani agye. Ɛyɛ a twa saa bere no ho mfoni wɔ w’adwenem.
Yɛyɛ Nnipa Baako
Ɛmfa ho sɔhwɛ ne ɔtaa a yehyia no, yɛda so ara yɛ baako, na biribiara nni hɔ a ɛbɛsɛe saa baakoyɛ no.
Mɛbɔ Me Koma Ne M’adwene Ho Ban
Sɛ dadwen hyɛ wo so a, Yehowa betumi aboa wo ama woadi so.
Me Dɔ
Aware yɛ akyɛde a efi Yehowa hɔ, enti ɛyɛ a kyerɛ sɛ ɛsom bo ma. Ma wo dɔfo nhu sɛ wodɔ no.
Yɛrennyae Da
Sɛ yɛn gyidi betumi ayɛ den a, gye sɛ yetie Yehowa na yɛde n’Asɛm bɔ yɛn bra.
Tu Mmirika No
Sisi gyinae ahorow a ɛkyerɛ sɛ woretu nkwa mmirika no.
Fa Kyɛ
Obi ayɛ wo ade ma ayɛ wo yaw anaa? Ebia ayɛ den sɛ wode bɛkyɛ. Hwɛ sɛnea wubetumi de akyɛ na woayi afi wo tirim korakora.
Anigye Fi Wo Hɔ
Anigye a yɛwɔ no fi Yehowa hɔ, na ɔbɛkɔ so ara ama yɛn ani agye.
Nya Gyidi Kɛse
Ɛmfa ho ɔhaw ahorow a yehyia wɔ asetena mu no, yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa dɔ yɛn.
Ma Yɛnyɛ Sɛ Mmofra
Sɛnea mmofra wɔ ɔdɔ na wɔn yam ye no, yɛbɛyɛ dɛn asuasua?
Gyaa mu ma no
Sɛ w’adwene tu fra na wunhu nea wonyɛ a, fa wo ho to Yehowa so; ɔbɛkyekye wo werɛ na wahyɛ wo den.
Mede Me Nkwa Ma Wo
Ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no na ɛka yɛn ma yehyira yɛn ho so na yɛbɔ asu.
Nokware Dɔ
Ɔdɔ a Yehowa dɔ yɛn no, enni huammɔ. Ɛma yɛn ani gye na yɛn koma tɔ yɛn yam.
Wiase Foforo No Mu
Nneɛma a yetwa ho mfoni sɛ ebesisi daakye no betumi aboa yɛn ama yɛagyina nneɛma a yɛrefa mu no ano. Dwom yi mu nsɛm betumi aboa yɛn ama yɛde yɛn adwene asi wiase foforo no so.
Yehowa Ka Yɛn Ho Da Biara
Yehowa ayɛ krado sɛ obeso yɛn mu bere nyinaa.
“Ko Gyidi Ko Pa No”
Sɛ yehyia ɔhaw ne nsɛnnennen mpo a, Yehowa betumi aboa yɛn ama yɛadi nkonim.
Yɛyɛ Abusua Baako
Ɛmfa ho baabi a yɛwɔ biara, yɛn nyinaa ka Yehowa abusua no ho.
M’ani Sɔ Onyankopɔn Abɔde
Pɛ bere dwinnwen Onyankopɔn abɔde ho na bɔ mpae da no ase.
Nya Akokoduru Na Yɛ Den
Dwom dɛdɛ yi bɛhyɛ wo den ama woakɔ so agyina wo haw ano.
Adekyee Biara Ne Emu Nsɛm
Yɛn asom betumi adwo yɛn, na bere koro no ara mu nso yɛanya anigye, mpo ɛmfa ho sɛ yɛrehyia nsɛnnennen no.
Mede Ahofama Bɛsom Wo
Yehowa fata sɛ yɛde yɛn koma, yɛn adwene, ne yɛn ahoɔden nyinaa som no.
Yɛyɛ Baako
Ɛwom, yɛte wiase bɔne bi mu, nanso Yehowa fie de, ɔdɔ ne baakoyɛ ayɛ no mã.
Mewɔ Hɔ Ma Wo
Ahokyere bere mu no, yebetumi de yɛn ho ato nnamfo pa so.
Ma Me Akokoduru
Yehowa betumi ama yɛn akokoduru de agyina sɔhwɛ biara a yebehyia no ano.
Yɔnko Pa
Ɛhe na yebetumi anya nnamfo pa?
Hwehwɛ
Wɔn a wofi wɔn koma mu pɛ sɛ wohu Onyankopɔn ne n’atirimpɔw no, sɛ wɔyere wɔn ho hwehwɛ no a, wobehu no.
Mɛmmɔ Hu Koraa
Sɛ nneɛma mu yɛ den wɔ asetena mu a, kae sɛ Yehowa ka wo ho, na ɔrennyaw wo.
Onuadɔ
Yehowa nkurɔfo de, sɛ wɔn ho kyere wɔn a, wɔboa wɔn ho; wɔnte sɛ wiase no.
Ɔka Me Ho
Sɛ Yehowa ka yɛn ho a, ɛnkaa yɛn nko ara!
Mahu Akwan Foforo
Woayɛ krado sɛ wobɛyɛ nsakrae wɔ sɛnea woyɛ wo som adwuma no mu anaa?
Woyɛ Me Dɔ
Sɛ moma Yehowa Nyankopɔn ba mo aware mu a, ɛbɛsɔ paa!
Nea Ehia Pa Ara
Ɛsɛ sɛ yenya bere pii ma nneɛma a ehia pa ara no—mpaebɔ, adesua, ne onyamesom pa.
W’anwonwadwuma Yɛ Me Fɛ
Yɛhwɛ Yehowa anwonwadwuma a ɛma yɛn ho dwiriw yɛn, na ɛma yɛto dwom kamfo no.
Hwɛ M’anim
Sɛ wo ne wo nuanom Kristofo hyiam a, ɛmma biribiara ntwetwe w’adwene, bɔ mmɔden sɛ wubenya saa bere no so mfaso.
Ɔdan a Ɛbɛhyɛ Wo Anuonyam
Ɛyɛ akwannya kɛse ma yɛn sɛ yebehyira dan bi so ma wɔahyɛ ne din kɛse no anuonyam wom.
Ma Yɛnsɔ Hokwan No Mu!
Ɔkwan biara a yɛbɛfa so atrɛw yɛn som adwuma no mu no, yebenya anigye.
Ɔbabea a Ɔsom Bo
Agya bi hu sɛnea ne babea renyin, na nkakrankakra ohu sɛ ɔrenya nkɔso wɔ Onyankopɔn som mu.
Wo Nnwuma Yɛ Nwonwa
Hokwan a woanya sɛ wo ne Yehowa abom reyɛ adwuma no, ma ɛnna w’akoma so!
Mɛkɔ M’akyi Bio
Hwɛ nea yɛn nuabea bi a na ɔmfa ne som nni agorɔ yɛe ansa ɔretumi asan aba asafo no mu.
Gyidi Wie Nkonimdi
Ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho ansa na yɛn gyidi ayɛ den, nanso sɛ yɛbɔ yɛn ho mmɔden a, Yehowa nso behyira yɛn.
Yehowa Som Bo Ma Me Nnɛ Ne Da Biara
Fa si w’ani so sɛ wobɛyɛ nea ɛsɔ Onyankopɔn ani da biara.
Kɔ N’anim Mpaebɔ Mu
Sɛ yehyia ɔhaw ahorow a, dɛn na yebetumi ayɛ?
W’asɛm Wɔ Hɔ Da Biara
Momma yɛnna Yehowa ase, efisɛ wakora N’asɛm no so ama yɛn!
Sua Ade Daa Nyinaa
Sɛ mmabun ankasa kenkan Onyankopɔn Asɛm a, ebetumi aboa wɔn ama wɔn gyidi ayɛ den.
Paw Nea Ɛsɔ Yehowa Ani
Ɛsɛ sɛ ɛtena yɛn adwenem sɛ, nneɛma a yɛpaw sɛ yɛbɛyɛ wɔ yɛn asetena mu bɛka afoforo ne sɛnea yɛyɛ yɛn asɛnka adwuma no.
Aba Mu Awie
Sɛ yɛhwɛ Paradise kwan a, ebetumi aboa yɛn ama yɛagyina ɔhaw ano.
Fa Bɔne Kyɛ
Hwehwɛ w’asetena mu hwɛ sɛ hena na wubetumi de ne bɔne akyɛ no; yɛ saa fa suasua Yehowa.
Meyɛ Yehowa Dea
Wobɛyɛ dɛn anya nnamfo pa a wɔkyɛn biara?
Yɛda Wo Ase
Yehowa nam ne honhom kronkron so boa yɛn ma yegyina ɔhaw pii a yehyia no ano. Ɛka yɛn koma ma yɛto dwom de kyerɛ ho anisɔ.
“Momma Mo Ani Nnye Ahɔhoyɛ Ho”
Akwan bɛn na wubetumi afa so ada ahɔhoyɛ adi?
Ɛmpere Wo Ho
Sɛ yɛreyɛ yɛn som adwuma no anaa biribi foforo biara na yɛtɔ yɛn bo ase anaa yɛampere yɛn ho a, nea yɛreyɛ no taa kɔ yiye.
Kasasua So Wɔ Mfaso
Sɛ wusua kasa foforo a, nhyira bɛn na wubetumi anya?
Yɛnkɔ Yɛn Anim
Seesei Yehowa ahyehyɛde no rekɔ n’anim, enti ɛsɛ sɛ yɛne no bɔ anan!
Fa W’ani Bu!
Yɛrehwɛ wiase foforo bi kwan.
Akyɛde Yi Fi Me Komam
Ɛyɛ a ɛnyɛ mmerɛw mma awofo sɛ wobehu sɛ wɔn mma retu akɔ baabi akɔboa ɔsom adwuma no.
Sorry, there are no terms that match your selection.