BIBLE MU AKORADE
Ahantan De Animguase Na Ɛba
Ná Ɔhene Saul te nka sɛ tebea a aba no, sɛ wanyɛ ho biribi ntɛm a, ɛde ɔhaw bɛba (1Sa 13:5-7)
Sɛ́ anka Saul bɛbrɛ ne ho ase atie Yehowa akwankyerɛ no, ahantan nti ɔyɛɛ nea ɔno ara pɛ (1Sa 13:8, 9; w00 8/1 13 ¶17)
Nea Saul yɛe no, Yehowa teɛɛ no so (1Sa 13:13, 14; w07 6/15 27 ¶8)
Sɛ obi pere ne ho yɛ biribi a onni kwan sɛ ɔyɛ, anaa wansusuw nneɛma ho na ɔyɛ biribi a wɔmmaa no kwan sɛ ɔnyɛ a, ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ ahantan. Obi a ɔyɛ ahantan mmrɛ ne ho ase. Tebea ahorow bɛn na ebetumi asɔ obi ahwɛ ma wayɛ ahantan?