Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE MU AKORADE

Fa Wo Ho To Yehowa So Na Ɔmmoa Wo

Fa Wo Ho To Yehowa So Na Ɔmmoa Wo

Sɛ yɛkɔ ahokyere mu na yesu frɛ Yehowa sɛ ɔmmoa yɛn a, otie (2Sa 22:7)

Yehowa ho yɛ den sen ɔtamfo biara (2Sa 22:14-18; cl 19 ¶11)

Yehowa nokwaredi nti odi boa yɛn (2Sa 22:26; w10 6/1 26 ¶4-6)

Yehowa pɛ a obetumi ayi yɛn haw nyinaa afi hɔ. Nanso mpɛn pii no, ɔfa ne honhom kronkron, N’asɛm, ne yɛn nuanom Kristofo so di boa yɛn ma yetumi gyina ano. (Dw 55:22) Dɛn na yebetumi ayɛ na yɛanya Onyankopɔn mmoa?