Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

KRISTOFO ABRABƆ

Sɛnea Yɛde Nkratawa Befi Nkɔmmɔbɔ Ase

Sɛnea Yɛde Nkratawa Befi Nkɔmmɔbɔ Ase

Efi January 2018 reba no, ɛyɛ a yɛde nsɛm a yebetumi aka de afi nkɔmmɔbɔ ase ba Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma no anim. Wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ, sɛ anka yɛbɛkyekyɛ nhoma ama nkurɔfo kɛkɛ no, yɛmfa nsi yɛn ani so sɛ yɛne wɔn bɛbɔ nkɔmmɔ mmom. Nea ɛbɛyɛ na adawurubɔfo de nyansahyɛ yi ayɛ adwuma no, bosome biara wɔma yɛn video a ɛbɛma yɛahu sɛnea yebetumi de Bible no afi nkɔmmɔbɔ ase. Wei kyerɛ sɛ, sɛ yɛredi adanse wɔ afie afie mu a, ɛnsɛ sɛ yɛma nhoma koraa anaa? Ɛnte saa koraa! Sɛ nhwɛso no, nkratawa yɛ adwinnade bi a etu mpɔn a yebetumi de afi nkɔmmɔbɔ ase. Yebetumi de nyansahyɛ a edidi so yi ayɛ adwuma bere a yɛde nkratawa redi adanse no:

  1. Bisa asɛm a ɛwɔ kratawa no anim no, na ma ofiewura no mpaw mmuae a ɛwɔ hɔ no mu baako.

  2. Fa mmuae a Bible de ma a ɛwɔ kratafa mmienu no atifi no kyerɛ no. Sɛ ɔwɔ bere a, wo ne no nkenkan nsɛm a ɛwɔ kratawa no mu no, na munsusuw ho.

  3. Fa kratawa no ma ofiewura no na hyɛ no nkuran sɛ, sɛ onya bere a, ɔnkenkan nea aka no.

  4. Ansa na wubefi hɔ no, fa ɔfã a wɔato din “Hwɛ Asɛmmisa Yi” no kyerɛ no, na ma onhu sɛ wobɛba ne no abesusuw mmuae no ho da foforo.

Wosan kɔsra no a, wo ne no nsusuw mmuae no ho, na san gyaw no asɛmmisa foforo a mubesusuw ho da foforo. Wubetumi apaw asɛmmisa bi afi yɛn wɛbsaet hɔ anaa nhoma a ɛwɔ kratawa no akyi no mu. Bere rekɔ so no, sɛ wuhu sɛ n’ani gye asɛm no ho a, wubetumi ama no Asɛmpa a Efi Onyankopɔn Hɔ! nhomawa no bi anaa nhoma a yɛne nkurɔfo sua a ɛwɔ Nnwinnade Titiriw a Yɛde Kyerɛkyerɛ no mu bi.