Sakaria 10:1-12
10 “Monsrɛ Yehowa na ɔmma osu ntɔ wɔ fefɛw bere* mu.
Yehowa na ɔyɛ omununkum a ɛde osuframa ne aprannaa ba,Na ɔno na ɔma osu tɔ ma nnipa,+Na ɔma obiara nya afuw mu aduan.
2 Na Terafim ahoni* ka nnaadaasɛm,*Na nkɔmhyɛfo nya atoro anisoadehu.
Adae hunu na wɔka ho asɛm,Na wɔde nsɛnhunu kyekye nnipa werɛ.
Eyi nti, wobekyinkyin te sɛ nguan.
Wobehu amane, efisɛ wonni hwɛfo.
3 Me bo afuw nguanhwɛfo no denneennen,Na atumfo a wɔn tirim yɛ den* no beyi wɔn ano akyerɛ me;Efisɛ asafo Yehowa atwa n’ani abɛhwɛ ne nguan,+ watwa n’ani abɛhwɛ Yuda fi.Na wayɛ wɔn sɛ ɔpɔnkɔ nuonyamfo a ɔde no kɔ ɔko.
4 Ne mu na otitiriw* no befi aba,Ne mu na sodifo a ɔyɛ okyigyinafo* no befi aba,Ne mu na agyan a wɔde kɔ ɔko no befi aba;Ne mu na ɔhwɛfo* biara bepue akɔ; wɔn nyinaa bɛbom afi ne mu.
5 Wɔbɛyɛ te sɛ akatakyiA wotiatia abɔnten so atɛkyɛ mu wɔ ɔko mu.
Wɔbɛko, efisɛ Yehowa ka wɔn ho;+Na wɔn a wɔtete apɔnkɔ so no anim begu ase.+
6 Mɛma Yuda fi ayɛ den,Na megye Yosef fi.+
Mɛma wɔasi wɔn dedaw mu bio,Efisɛ mehu wɔn mmɔbɔ;+Na wɔbɛyɛ sɛ nnipa a mentow wɔn nkyenee da;+Efisɛ mene Yehowa wɔn Nyankopɔn, na megye wɔn so.
7 Efraimfo bɛyɛ sɛ akatakyi,Na wɔn koma bedi ahurusi te sɛ nea wɔanom nsã.+
Wɔn mma behu eyi na wɔadi ahurusi;Wɔn koma ani begye wɔ Yehowa mu.+
8 ‘Mɛbɔ hwirema afrɛ wɔn, na maboa wɔn ano;Efisɛ megye wɔn,+ na wɔbɛyɛ bebree,Na wɔbɛkɔ so ara adɔɔso.
9 Mɛpete wɔn te sɛ aba agu aman horow so,Nanso bere a wɔwɔ akyirikyiri mpo wɔbɛkae me;Wɔne wɔn mma begyina wɔn nan so bio na wɔasan aba.
10 Mede wɔn befi Egypt asaase so aba,Na maboaboa wɔn ano afi Asiria aba.+Mede wɔn bɛba Gilead+ ne Lebanon asaase so,Na ɛhɔ mpo, wɔn dodow nti wɔrenkɔ hɔ.+
11 Ɔbɛfa ɛpo no mu, na ɔbɛma ɛpo no ho ayeraw no;Na ɔde ade bɛbɔ asorɔkye no wɔ ɛpo no mu;+Nil bɛyow akodu ase tɔnn.
Nea Asiria de hoahoa ne ho no, wɔbɛbrɛ no ase,Na Egypt ahempoma bɛkɔ.+
12 Mɛma wɔayɛ den wɔ Yehowa mu,+Na wɔbɛnantew ne din mu,’+ Yehowa asɛm ni.”
Ase Hɔ Nsɛm
^ Anaa “abusua abosom; ahoni.”
^ Anaa “abususɛm; ahonhonsɛm.”
^ Nt., “mpapo no.”
^ Nt., “aban a esi ntwea so.” Egyina hɔ ma ɔbarima a ne ho hia paa; ɔpanyin.
^ Nt., “dua a wɔasen ano a wɔde bɔ biribi tim fam.” Egyina hɔ ma obi a ɔyɛ okyitaafo; ɔkannifo.
^ Anaa “nea ɔhwɛ adwuma so.”