Nnwom 136:1-26
136 Monna Yehowa ase, efisɛ oye;+Ne dɔ nni huammɔ; ɛwɔ hɔ daa.+
2 Monna anyame mu Nyankopɔn no ase,+Na ne dɔ nni huammɔ; ɛwɔ hɔ daa.
3 Monna awuranom mu Awurade no ase,Na ne dɔ nni huammɔ; ɛwɔ hɔ daa.
4 Ɔno nkutoo na ɔyɛ nnwuma akɛse a ɛyɛ nwonwa,+Na ne dɔ nni huammɔ; ɛwɔ hɔ daa.+
5 Ɔtɔɔ ne bo ase bɔɔ* ɔsoro,+Na ne dɔ nni huammɔ; ɛwɔ hɔ daa.
6 Ɔtrɛw asaase mu wɔ nsu so,+Na ne dɔ nni huammɔ; ɛwɔ hɔ daa.
7 Ɔyɛɛ nkanea akɛse,+Na ne dɔ nni huammɔ; ɛwɔ hɔ daa,
8 Ɔyɛɛ owia sɛ ɛnhyerɛn adekyee,+Na ne dɔ nni huammɔ; ɛwɔ hɔ daa,
9 Ɔyɛɛ ɔsram ne nsoromma sɛ ɛnhyerɛn anadwo,+Na ne dɔ nni huammɔ; ɛwɔ hɔ daa.
10 Ɔbobɔɔ Egypt mmakan kunkum wɔn,+Na ne dɔ nni huammɔ; ɛwɔ hɔ daa.
11 Oyii Israel fii wɔn mu,+Na ne dɔ nni huammɔ; ɛwɔ hɔ daa.
12 Ɔde nsa a ɛyɛ den+ ne basa a wateɛ mu na eyii wɔn,Na ne dɔ nni huammɔ; ɛwɔ hɔ daa.
13 Ɔpaee Ɛpo Kɔkɔɔ no mu abien,*+Na ne dɔ nni huammɔ; ɛwɔ hɔ daa.
14 Ɔmaa Israel faa mfinimfini,+Na ne dɔ nni huammɔ; ɛwɔ hɔ daa.
15 Ɔkaa Farao ne n’asraafodɔm guu Ɛpo Kɔkɔɔ no mu,+Na ne dɔ nni huammɔ; ɛwɔ hɔ daa.
16 Odii ne nkurɔfo anim faa sare so,+Na ne dɔ nni huammɔ; ɛwɔ hɔ daa.
17 Okunkum ahemfo akɛse,+Na ne dɔ nni huammɔ; ɛwɔ hɔ daa.
18 Okunkum ahemfo a wɔyɛ den,Na ne dɔ nni huammɔ; ɛwɔ hɔ daa,
19 Okum Amorifo hene Sihon,+Na ne dɔ nni huammɔ; ɛwɔ hɔ daa,
20 Ɛne Basan hene Og,+Na ne dɔ nni huammɔ; ɛwɔ hɔ daa.
21 Ɔde wɔn asaase maa ne nkurɔfo sɛ agyapade,+Na ne dɔ nni huammɔ; ɛwɔ hɔ daa.
22 Ɔde maa n’akoa Israel sɛ agyapade,Na ne dɔ nni huammɔ; ɛwɔ hɔ daa.
23 Ɔkaee yɛn bere a yɛbotowee no,+Na ne dɔ nni huammɔ; ɛwɔ hɔ daa.+
24 Ogyee yɛn fii yɛn atamfo nsam mpɛn pii,+Na ne dɔ nni huammɔ; ɛwɔ hɔ daa.
25 Ɔma abɔde biara a ɛte ase* aduan,+Na ne dɔ nni huammɔ; ɛwɔ hɔ daa.
26 Monna ɔsoro Nyankopɔn no ase,Na ne dɔ nni huammɔ; ɛwɔ hɔ daa.