OZUMALƐDƖYƐ 10
Kakɛ Lɔɔtʋ Yɩ Yɩ Nɩ
Ná Lot ne ne wɔfa Abraham te Kaanan asaase so. Akyiri yi, Abraham ne Lot mmoa dɔɔso paa, enti na baabi a wɔte no ayɛ ketewa ama wɔn. Abraham ka kyerɛɛ Lot sɛ: ‘Yɛrentumi ntena faako bio. Mesrɛ wo fa baabi a wopɛ, na me nso mɛfa baabi a ɛbɛka no.’ Asɛm yi ma yehu sɛ na Abraham yam ye paa. Anaa wuhu no sɛn?
Lot huu sɛ asaase fɛfɛɛfɛ bi bɛn kurow bi a yɛfrɛ no Sodom. Ná nsu pii wɔ hɔ, na na sare anaa ɛserɛ bebree wɔ hɔ a mmoa no betumi awe. Enti Lot faa hɔ, na ɔne n’abusua tu kɔtenaa hɔ.
Ná Sodom ne Gomora bɛn, na na nnipa a wɔwɔ hɔ no di bɔne paa. Ná wɔn bɔne dɔɔso araa ma enti Yehowa yɛɛ sɛ ɔbɛsɛe saa nkurow no. Nanso na Onyankopɔn pɛ sɛ ogye Lot ne n’abusua nkwa. Enti ɔsomaa abɔfo mmienu ma wɔkɔbɔɔ wɔn kɔkɔ. Wɔkaa sɛ: ‘Monyɛ ntɛm! Munguan mfi kurow yi mu! Yehowa rebɛsɛe no.’
Nanso Lot amfi hɔ ntɛm ara. Ɔkyɛe paa. Enti abɔfo no yɛɛ ntɛm de Lot, ne yere, ne ne mma mmea mmienu no puei. Wɔsoo wɔn nsa de wɔn fii kurow no mu. Wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Munguan! Munguan nnye mo kra! Sɛ mohwɛ mo akyi a, mubewu!’
Wɔduu Soar asaase so no, Yehowa maa ogya ne sufre (sulfur) fii soro tɔ beguu Sodom ne Gomora so. Onyankopɔn sɛee nkurow mmienu no nyinaa. Bere a Lot yere antie Yehowa asɛm na otwaa n’ani
hwɛɛ n’akyi no, ɔdanee nkyene siw! Nanso Lot ne ne mma mmea no tiee Yehowa, enti wɔanwu. Wunhu sɛ, ɛbɛyɛ Lot ne ne mma no yaw paa sɛ Lot yere no yɛɛ asoɔden? Nanso, ɛbɛyɛ wɔn dɛ sɛ wɔn de wɔtiee Yehowa asɛm.“Monkae Lot yere no.”—Luka 17:32