Privacy Settings

To provide you with the best possible experience, we use cookies and similar technologies. Some cookies are necessary to make our website work and cannot be refused. You can accept or decline the use of additional cookies, which we use only to improve your experience. None of this data will ever be sold or used for marketing. To learn more, read the Global Policy on Use of Cookies and Similar Technologies. You can customize your settings at any time by going to Privacy Settings.

Tɛla kɔ ndwokɔ mɔɔ ɩwɔ zʋ

Tɛla kɔ Ndwokɔ mɔɔ bɛhyɩhyɛ

Yohane abɔ Yesu asu awie; Onyankopɔn honhom reba Yesu so te sɛ aborɔnoma

OZUMALƐDƖYƐ 74

Gyisɛsɩ Ɣa Yɛlɩ Mɛzaya Nɩ

Gyisɛsɩ Ɣa Yɛlɩ Mɛzaya Nɩ

Ná Yohane ka sɛ: ‘Obi a ɔkyɛn me reba.’ Bere a Yesu dii bɛyɛ mfe 30 no, ofii Galilea baa Asubɔnten Yordan ho. Ná Yohane rebɔ nkurɔfo asu wɔ hɔ. Yesu ka kyerɛɛ Yohane sɛ ɔmmɔ no asu. Nanso Yohane kaa sɛ: ‘Ɛnyɛ me na ɛsɛ sɛ mebɔ wo asu. Wo mmom na ɛsɛ sɛ wobɔ me asu.’ Yesu ka kyerɛɛ Yohane sɛ: ‘Yehowa pɛ sɛ wobɔ me asu.’ Enti wɔkɔɔ Asubɔnten Yordan mu, na Yohane de Yesu hyɛɛ nsu no mu ma ɛkataa ne so koraa.

Bere a Yesu fii nsu no mu no, ɔbɔɔ mpae. Saa bere no ara, ɔsoro buei. Onyankopɔn honhom sian baa Yesu so te sɛ aborɔnoma. Afei Yehowa kasa fii soro sɛ: “Woyɛ me Ba a medɔ wo; magye wo atom.”

Bere a Yehowa honhom baa Yesu so no, ɛmaa Yesu bɛyɛɛ Kristo, anaa Mesia no. Afei de, na ɔrebefi ase ayɛ adwuma a Yehowa somaa no sɛ ɔmmɛyɛ wɔ asaase so no.

Bere a Yesu bɔɔ asu wiei ara pɛ, ɔkɔɔ sare so kodii nna mmaako mmaako 40 wɔ hɔ. Ofii sare so bae no, ɔkɔɔ Yohane nkyɛn. Bere a Yesu reyɛ adu Yohane nkyɛn no, Yohane kaa sɛ: ‘Wei ne Onyankopɔn Guammaa a oyi wiase bɔne fi hɔ no.’ Asɛm a Yohane kae yi maa nkurɔfo huu sɛ Yesu ne Mesia no. Bere a Yesu kɔɔ sare so no, wunim nea esii wɔ hɔ? Ma yɛnhwɛ.

“Nne bi fi soro bae sɛ: ‘Woyɛ me Ba a medɔ wo; magye wo atom.’”—Marko 1:11