Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma

To provide you with the best possible experience, we use cookies and similar technologies. Some cookies are necessary to make our website work and cannot be refused. You can accept or decline the use of additional cookies, which we use only to improve your experience. None of this data will ever be sold or used for marketing. To learn more, read the Global Policy on Use of Cookies and Similar Technologies. You can customize your settings at any time by going to Privacy Settings.

Bible Nsɛmmisa Ho Mmuaeɛ

Bible Nsɛmmisa Ho Mmuaeɛ

Dɛn na ɛma nnipa pii adwene yɛ wɔn sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ?

Maame bi a ɔde anigyeɛ rehwɛ ne ba anim

Nkwa yɛ nwanwa. Wonhu saa?

Bɛyɛ mfie 3,000 a atwam ni no, anwensɛm twerɛfoɔ bi twerɛɛ sɛ: “Sɛdeɛ woyɛɛ me no yɛ hu na ɛyɛ nwanwa.” (Dwom 139:14) Sɛ wohwɛ sɛnea nkwammoaa ketewaa bi tumi nyini bɛyɛ onipa no a, ɛnyɛ wo nwanwa? Sɛnea wɔahyɛ da ayɛ nnipa, mmoa, ne afifideɛ no, sɛ nnipa pii hwɛ a, ɛma wɔgye tom sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ.Kenkan Dwom 139:13-17; Hebrifoɔ 3:4.

Nea ɔbɔɔ soro ne emu nneɛma nyinaa, na ɔsan siesiee asase ma yɛtena so a ɛyɛ yie no, ɔno ara na ɔmaa yɛn nkwa. (Dwom 36:9) Nea ɛbɛyɛ na nnipa ahu no yie no, waka ne ho asɛm akyerɛ yɛn.Kenkan Yesaia 45:18.

Enti nnipa firi mmoa mu na ɛbaeɛ?

Nnipa ne mmoa di nsɛ wɔ akwan bebree so. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, Ɔbɔadeɛ no bɔɔ nnipa ne mmoa nyinaa sɛ wɔntena asase so. Ɛnyɛ aboa bi na Ɔbɔadeɛ no danee no ma ɔbɛyɛɛ onipa a ɔdi kan no. Mmom no, ɔde fam dɔteɛ na ɛbɔɔ no.Kenkan Genesis 1:24; 2:7.

Nneɛma mmienu bi wɔ hɔ a ɛma nnipa da nso koraa firi mmoa ho. Nnipa deɛ, yɛtumi pɛ Ɔbɔadeɛ no akyi kwan, yɛtumi dɔ no, na yɛkyerɛ obuo ma no, nanso mmoa ntumi nyɛ saa. Afei, wɔammɔ mmoa sɛ wɔntena ase daa, nanso nnipa deɛ wɔbɔɔ yɛn sɛ yɛntena ase daa. Onipa a ɔdi kan no antie Ɔbɔadeɛ no asɛm, ɛno nti na ɛnnɛ, nnipa wuo no.Kenkan Genesis 1:27; 2:15-17.